5
Obiara Nyɛ Ɔteneneeni
“Monni akɔneaba wɔ Yerusalem mmɔntene so,
monhwɛ mo ho nhyia nhwɛ,
monhwehwɛ adwaberem nyinaa.
Sɛ mohunu onipa baako mpo a
ɔyɛ pɛ na ɔdi nokorɛ a,
mede kuropɔn yi ho bɛkyɛ no.
Ɛwom sɛ wɔka sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’
nanso wɔda so ka ntam hunu.”
 
Ao Awurade, wopɛ nokorɛ enti
wobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yea biara;
wodwerɛɛ wɔn, nanso wɔpoo ntenesoɔ.
Wɔyɛɛ wɔn anim denden kyenee ɔboɔ
na wɔpoo ahunu.
Mesusuu sɛ, “Yeinom nko ara ne ahiafoɔ no;
wɔyɛ nkwaseafoɔ nso,
ɛfiri sɛ wɔnnim Awurade akwan,
deɛ wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.
Enti mɛkɔ ntuanofoɔ no nkyɛn
akɔkasa akyerɛ wɔn;
ampa ara wɔnim Awurade akwan
deɛ wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.”
Nanso wɔn nso de adwene korɔ abubu kɔnnua no
atete nkyehoma no mu.
Ɛno enti gyata bi a ɔfiri kwaeɛm bɛto ahyɛ wɔn so,
pataku bi a ɔfiri anweatam so bɛtete wɔn mu.
Ɔsebɔ bi bɛtɛ wɔn abɛn wɔn nkuro
na obiara a ɔbɛyi ne ti no ɔbɛtete ne mu nketenkete,
ɛfiri sɛ wɔn adɔnyɛ no ano yɛ den
na wɔn akyirisane aboro so.
 
“Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede mo ho kyɛ mo?
Mo mma apo me
wɔde anyame a wɔnyɛ anyame aka ntam.
Memaa wɔn deɛ wɔhia nyinaa,
nanso, wɔbɔɔ adwamam
na wɔbɔɔ yuu kɔɔ adwamanfoɔ afie mu.
Mpɔnkɔnini aniberefoɔ a wɔhwɛ wɔn yie,
wɔn mu biara su di ne yɔnko yere akyi.
Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?”
Sei na Awurade seɛ.
“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ
ɔman a ɛte sei so were anaa?
 
10 “Momfa ne bobe nturo no mu na monsɛe no,
nanso monnsɛe no koraa.
Mompempan ne mman no,
ɛfiri sɛ saa nnipa yi nyɛ Awurade dea.
11 Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ
anni me nokorɛ koraa,”
Awurade na ɔseɛ.
 
12 Wɔadi atorɔ afa Awurade ho,
wɔkaa sɛ, “Ɔrenyɛ hwee!
Ɔhaw biara remma yɛn so;
yɛrenhunu akofena anaa ɛkɔm da.
13 Adiyifoɔ no yɛ mframa bi kɛkɛ
na asɛm no nte wɔn mu;
enti momma deɛ wɔka no mmra wɔn so.”
14 Enti yei ne deɛ Asafo Awurade, Onyankopɔn seɛ:
“Esiane sɛ nnipa no aka saa nsɛm yi enti,
mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanomu no ogya
na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhye.
15 Ao, Israel fiefoɔ,” Awurade na ɔseɛ,
“Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebɛtia wo,
tete ɔman a ɛyɛ ɔmantease,
nnipa a monnim wɔn kasa,
na monnte wɔn kasa ase.
16 Wɔn agyan mmɔtɔwa te sɛ damena a ano da hɔ;
wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima.
17 Wɔbɛsɛe mo nnɔbaeɛ ne mo aduane,
asɛe mo mmammarima ne mo mmammaa;
wɔbɛsɛe mo nnwankuo ne mo anantwikuo,
asɛe mo bobe ne mo mmɔrɔdɔma.
Wɔde akofena bɛsɛe
nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ a mode mo werɛ ahyɛ mu no.
18 “Afei saa nna no mu mpo,” sei na Awurade seɛ, “Merensɛe mo korakora. 19 Na sɛ nnipa no bisa sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade, yɛn Onyankopɔn, ayɛ yɛn sei’ a, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ moagya me hɔ akɔsom ananafoɔ anyame wɔ mo ankasa mo asase so no, saa ara na seesei mobɛsom ananafoɔ wɔ asase a ɛnyɛ mo dea so.’
20 “Monka yei nkyerɛ Yakob fiefoɔ
na mo mpae mu nka wɔ Yuda sɛ:
21 Montie, mo nkwaseafoɔ ne nnipa a monni adwene,
mowɔ ani nso monhunu adeɛ,
na mowɔ aso nso monte asɛm:
22 Ɛnsɛ sɛ mosuro me anaa?” Sei na Awurade seɛ.
“Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ mʼanim anaa?
Mede anwea ato hyeɛ ama ɛpo,
ɛhyeɛ a ɛwɔ hɔ daa a ɛrentumi ntra.
Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so;
ɛbɛhuru so nanso ɛrentumi ntra.
23 Nanso, saa nnipa yi wɔ asoɔden ne atuateɛ akoma;
wɔatwe wɔn ho afiri me ho kɔ.
24 Wɔnnka nkyerɛ wɔn ho sɛ,
‘Momma yɛnsuro Awurade yɛn Onyankopɔn,
a ɔma osu tɔ wɔ ne mmerɛ mu,
deɛ ɔma yɛn awerɛhyɛmu wɔ ɔtwaberɛ nnapɛn a wahyɛ no ho.’
25 Mo amumuyɛ abɔ yeinom agu;
mo bɔne ama adepa abɔ mo.
 
26 “Amumuyɛfoɔ bi wɔ me nkurɔfoɔ yi mu
a wɔtɛ sɛ nnipa a wɔsum nnomaa afidie,
na wɔte sɛ wɔn a wɔsum mfidie yi nnipa.
27 Sɛdeɛ nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma no
saa ara na nsisie ahyɛ wɔn afie ma;
wɔayeyɛ adefoɔ na wɔanya tumi.
28 Wɔadodɔre sradeɛ ama wɔn ho ayɛ srasra.
Wɔn amumuyɛsɛm no nni awieeɛ;
wɔnnka nwisiaa asɛm mma wɔn nni bem,
na wɔmmɔ ahiafoɔ tumi ho ban.
29 Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yeinom ho anaa?”
Sei na Awurade seɛ.
“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ
ɔman a ɛte sei so were anaa?
 
30 “Adeɛ a ɛyɛ hu ne ahodwirie
asi wɔ asase no so:
31 Adiyifoɔ no hyɛ nkɔntorɔ,
asɔfoɔ no de wɔn dibea di tumi,
na me nkurɔfoɔ no pɛ no saa ara.
Nanso awieeɛ no, ɛdeɛn na wobɛyɛ?”