6
Atamfoɔ Atwa Yerusalem Ho Ahyia
“Benyaminfoɔ monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa!
Monnwane mfiri Yerusalem!
Monhyɛne totorobɛnto no wɔ Tekoa!
Monsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem!
Ɛfiri sɛ amanehunu bobɔ firi atifi fam,
ɔsɛeɛ bi a ɛyɛ hu.
Mɛsɛe Ɔbabaa Sion
ɔhoɔfɛfoɔ sɔɔnɔ no.
Atamfoɔ bɛba abɛtwa ne ho ahyia te sɛ nnwanhwɛfoɔ;
wɔbɛsisi wɔn ntomadan atwa ne ho ahyia
na wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.”
 
“Monsiesie mo ho ne no nkɔko!
Monsɔre, momma yɛnkɔto nhyɛ ne so owigyinaeɛ!
Nanso, hwɛ, onwunu redwo,
na anwummerɛ sunsumma reyɛ tenten.
Enti, monsɔre momma yɛnkɔto nhyɛ ne so anadwo
na yɛnsɛe nʼaban hodoɔ!”
 
Deɛ Asafo Awurade seɛ nie:
“Montwitwa nnua no ngu fam
na monsisi epie ntia Yerusalem.
Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso;
nhyɛsoɔ ahyɛ no ma.
Sɛdeɛ abura pu ne nsuo no,
saa ara nso na ɔpu nʼamumuyɛ.
Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛeɛ nka wɔ ne mu;
ne yadeɛ ne nʼapirakuro wɔ mʼanim daa.
Fa kɔkɔbɔ, Ao Yerusalem,
anyɛ saa a metwe me ho afiri wo ho
na mama wʼasase ada mpan
a obiara ntumi ntena soɔ.”
Deɛ Asafo Awurade seɛ nie:
“Ma wɔnyiyi Israel nkaeɛfoɔ no mu yie
sɛdeɛ wɔyiyi bobe mu;
fa wo nsa fa mman no so bio,
sɛ obi a ɔretete bobe aba.”
 
10 Hwan na mɛtumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ?
Hwan na ɔbɛtie me?
Wɔn aso asisi
enti wɔnte asɛm.
Awurade asɛm yɛ akyiwadeɛ ma wɔn
na wɔn ani nnye ho.
11 Nanso Awurade abufuhyeɛ ahyɛ me ma,
na mentumi nkora so.
 
“Hwie gu mmɔfra a wɔwɔ mmɔntene so
ne mmaranteɛ a wɔahyia;
ɛbɛka okunu ne ɔyere,
mmasiriwa ne wɔn a onyini adoko wɔn.
12 Sɛ metene me nsa
wɔ wɔn a wɔte asase no so a
wɔbɛdane wɔn afie ama afoforɔ,
na wɔn mfuo ne wɔn yerenom bɛka ho,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
13 “Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,
wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya;
adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa,
wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ.
14 Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro
te sɛ deɛ ɛnyɛ hu.
Wɔka sɛ, ‘Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ’
wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ.
15 Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa?
Dabi, wɔn ani nnwu koraa;
wɔnnim fɛreɛ mpo.
Enti sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu;
wɔbɛhwehwe ase,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
16 Yei ne deɛ Awurade seɛ,
“Monnyina nkwantanan no so na monhwɛ;
mommisa tete akwan no,
mommisa baabi a ɛkwan pa no da na monnante so,
na mobɛnya homeɛ ama mo akra.
Nanso mokaa sɛ, ‘yɛnnante so.’
17 Mede awɛmfoɔ sisii mo so na mekaa sɛ,
‘Montie totorobɛnto nnyegyeeɛ no!’
Nanso, mokaa sɛ, ‘Yɛrentie.’
18 Ɛno enti, monyɛ aso, Ao amanaman;
monhwɛ, Ao adansefoɔ,
deɛ ɛbɛto wɔn.
19 Yɛ aso, Ao asase:
Mede amanehunu reba saa nnipa yi so,
wɔn nneyɛɛ so aba,
ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm
na wɔapo me mmara.
20 Nnuhwam a ɛfiri Seba
anaa ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase so fa me ho bɛn?
Mennye wo hyeɛ afɔdeɛ no nto mu;
wʼafɔrebɔ ahodoɔ no nsɔ mʼani.”
21 Ɛno enti, deɛ Awurade seɛ nie:
“Mede akwansideɛ bɛgu saa nkurɔfoɔ yi anim.
Agyanom ne mmammarima nyinaa bɛsuntisunti wɔ so;
ayɔnkofoɔ ne nnamfonom bɛyera.”
22 Sɛdeɛ Awurade seɛ nie:
“Monhwɛ, akodɔm bi reba,
wɔfiri atifi fam asase so;
wɔrekanyane ɔman kɛseɛ bi
afiri nsase ano.
23 Wɔkurakura bɛmma ne pea;
wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ.
Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo asorɔkye.
Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,
wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko.
Wɔrebɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Sion.”
 
24 Yɛate wɔn ho nsɛm,
na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ deɛ awu.
Ehu akyekyere yɛn
ɔyea aba wɔn so, te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.
25 Mfiri adi nkɔ wiram
na nnante akwan no so,
ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no wɔ akofena,
na baabiara ayɛ hu.
26 Ao me nkurɔfoɔ, monfira ayitoma
na mommunimuni nsõ mu.
Momfa adwadwotwa yaaya nni awerɛhoɔ
sɛdeɛ wɔsu ma ɔbabarima korɔ,
ɛfiri sɛ mpofirim ara ɔsɛefoɔ no
bɛba yɛn so.
 
27 “Mayɛ wo obi a ɔsɔ fagudeɛ hwɛ
na me nkurɔfoɔ yɛ dadeben,
a wobɛhwɛ wɔn
na woasɔ wɔn akwan ahwɛ.
28 Wɔn nyinaa yɛ atuatefoɔ a wɔyɛ den,
wɔnenam di nsekuro.
Wɔyɛ den sɛ kɔbere ne dadeɛ;
wɔn nyinaa yɛ wɔn adeɛ wɔ porɔeɛ ɛkwan so.
29 Afa no bɔ mframa denden
de ogya nane sumpii no,
nanso ahobereɛ no yɛ ɔkwa.
Ɛntumi nyiyii bɔne no mfirii wɔn mu.
30 Mɛfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo,
ɛfiri sɛ Awurade apo wɔn.”