12
Ahemfo A Wɔdii Wɔn So Wɔ Yordan Apueeɛ Fam
Yeinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a wɔkunkumm wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no firi Arnon Subɔnhwa kɔsi Bepɔ Hermon so a Yordan Bɔnhwa asase a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa ka ho.
 
Wɔdii Amorifoɔhene Sihon a na ɔte Hesbon so.
Na nʼahemman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subɔnhwa ano na ɛtene firi ne mfimfini kɔsi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɛhyeɛ ma Amorifoɔ no. Ɛnnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.
Ɛfiri Yordan bɔnhwa atifi a ɛbɛn Galilea ɛpo no atɔeɛ fam mpoano na ɛsiane ba anafoɔ fam bɛsi Nkyene Ɛpo, firi Bet-Yesimot kɔsi Pisga nsianeɛ so hyɛɛ Sihon ase.
Basanhene Og a ɔtwa Refaimfoɔ to no tenaa Astarot ne Edrei asase so.
Na ɔdii ɔhene wɔ ɔman a ɛfiri Bepɔ Hermon so de kɔsi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa, de kɔ atɔeɛ fam kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ ahemman ɛhyeɛ so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɛfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho.
 
Na Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ no ne Israelfoɔ atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfoɔ ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua fa no.
Yordan Apueeɛ Fam Ahemfo A Wɔdii Wɔn So
Saa ahemfo a wɔn din didi soɔ yi na Yosua ne Israel akodɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔeɛ fam firi Baal-Gad wɔ Lebanon bɔnhwa mu de kɔsi Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir no. Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo no sɛ wɔn agyapadeɛ, a ɛne bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, mmepɔ mmepɔ nsianeɛ, Yudea ɛserɛ so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beaeɛ hɔ no yɛ Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ.
 
Yeinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:
 
Yerikohene baako
Ai a ɛbɛn Bet-El ɔhene baako
10 Yerusalemhene baako
Hebronhene baako
11 Yarmuthene baako
Lakishene baako
12 Eglonhene baako
Geserhene baako
13 Debirhene baako
Gederhene baako
14 Hormahene baako
Aradhene baako
15 Libnahene baako
Adulamhene baako
16 Makedahene baako
Bet-Elhene baako
17 Tapuahene baako
Heferhene baako
18 Afekhene baako
Lasaronhene baako
19 Madonhene baako
Hasorhene baako
20 Simronhene baako
Aksafhene baako
21 Taanakhene baako
Megidohene baako
22 Kedeshene baako
Yokneam a ɛwɔ Karmel ase ɔhene baako
23 Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ so ɔhene baako
amanaman a ɛwɔ Gilgal no ɔhene baako
24 Tirsahene baako
 
Ahemfo a wɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa ano si aduasa baako.