13
Asase Aka
Ɛberɛ a Yosua* bɔɔ akɔkoraa no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Worebɔ akɔkoraa nso nsase pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woko di so.
 
“Ɛsɛ sɛ nnipa no tena Filistifoɔ ne Gesur,
 
“nsase a na ɛyɛ Kanaanfoɔ dea no so. Saa asase yi firi asuo Sihor a ɛda Misraim ɛhyeɛ so a ɛtene fa atifi fam kɔsi Ekron ɛhyeɛ so,
a Filistifoɔ nkuropɔn enum a ɛyɛ Gasa, Asdod, Askelon, Gat ne Ekron nso ka ho. Awifoɔ asase a ɛda anafoɔ fam no nso, wɔnnko nnii so. Atifi fam nso, wɔnnko nnii saa nsase yi so;
Kanaan asase nyinaa a Meara a ɛyɛ Sidonfoɔ dea no, de kɔsi Afek, kɔduru Amorifoɔ ɛhyeɛ so
ne Gebalfoɔ asase ne
Lebanon nyinaa wɔ apueeɛ fam, de firi Baal-Gad a ɛda Hermon bepɔ ase, de kɔsi Hamat fam.
 
“Mmepɔ asase a ɛfiri Lebanon kɔsi Misrefot-Maim nyinaa a Sidonfoɔ nsase nyinaa ka ho. Mɛtu saa nnipa no nyinaa afiri asase no so na mede ama Israelfoɔ. Enti hwɛ na fa saa asase no ma Israelfoɔ sɛ agyapadeɛ sononko sɛdeɛ mahyɛ wo no. Fa saa asase yi nyinaa sɛ Israelfoɔ agyapadeɛ wɔ ɛberɛ a worekyekyɛ mu ama mmusuakuo nkron no ne Manase abusua fa no.”
Wɔkyekyɛ Yordan Apueeɛ Fam Asase Mu
Manase abusua no mu fa ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ deɛ, na wɔanya wɔn agyapadeɛ wɔ Yordan apueeɛ fam, ɛfiri sɛ na Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ no de saa asase no ama wɔn dada.
Wɔn asase no firi Aroer a ɛda Arnon Subɔnhwa no ano (ne kuro a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ ɛserɛ a ɛtoa Medeba so kɔsi Dibon. 10 Amorifoɔhene Sihon a ɔdii adeɛ wɔ Hesbon kɔsi Amonfoɔ ɛhyeɛ so nkuro nyinaa nso ka ho.
11 Gilead, asase a ɛwɔ Gesur ne Maaka ahemman mu, Bepɔ Hermon nyinaa, Basan nyinaa de kɔsi Saleka ka ho, 12 ɛnna Basanhene Og a ɔdii ɔhene wɔ Astarot ne Edrei nsase nyinaa nso ka ho. Ɔhene Og yɛ Rafatni a ɔtwa toɔ, ɛfiri sɛ na Mose ne wɔn ako apamo wɔn. 13 Nanso, Israelfoɔ no antu Gesurfoɔ ne Maakafoɔ enti wɔtenaa Israelfoɔ no mu de bɛsi ɛnnɛ.
Lewi Abusuakuo Agyapadeɛ
14 Na Lewi abusuakuo no deɛ, wamma wɔn agyapadeɛ biara. Wɔn agyapadeɛ firi afɔrebɔdeɛ a wɔhye wɔ afɔrebukyia so ma Awurade, Israel Onyankopɔn no.
Ruben Abusuakuo Asase
15 Mose de saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuo mu.
16 Wɔn asase no firi Aroer a ɛda Arnon Subɔnhwa no ano (ne kuro a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ ɛserɛ a ɛtoa Medeba so. 17 Nkuro ne nkuraase a ɛkeka hoɔ nie: Hesbon ne nkuro a ɛdeda ɛserɛ so te sɛ Dibon, Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon, 18 Yahas, Kedemot, Mefaat, 19 Kiriataim, Sibma ne Seret-Sahar, a ɛdeda bɔnhwa no kokoɔ so, 20 Bet-Peor, Pisga nsianeɛ mu ne Bet-Yesimot. 21 Nkuro a ɛwɔ tata so nyinaa ne Sihon ahemman nyinaa nso ka Ruben asase no ho. Sihon yɛ Amorifoɔhene a na ɔdi adeɛ wɔ Hesbon, deɛ Mose kumm no ne Midian ahemfo a wɔn ne Ewi, Rekem, Sur, Hur, Reba ne ahenemma a wɔwɔ mpɔtam hɔ a wɔne Sihon yɛ baako. 22 Israelfoɔ no kumm Beor babarima nkonyaayifoɔ bi a na wɔfrɛ no Balaam.
23 Yordan Asubɔnten no yɛ Ruben asase no ɛhyeɛ wɔ atɔeɛ fam. Wɔde nkuro ne nkuraase a ɛwɔ saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuo no mu sɛ wɔn agyapadeɛ.
Gad Abusuakuo No Asase
24 Mose de saa asase yi maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuo mu:
25 Wɔn asase no yɛ Yaser, Gilead nkuro nyinaa, ne Amon asase no fa, kɔsi Aroer kuro a ɛwɔ Raba atɔeɛ fam pɛɛ. 26 Na ɛfiri Hesbon de kɔsi Ramat-Mispe ne Betonim de firi Mahanaim de kɔsi Debir. 27 Bɔnhwa no mu na na Bet-Haram ne Bet-Nimra ne Sukot ne Safon ne Hesbonhene Sihon ahemman no nkaeɛ wɔ; Asubɔnten Yordan na na ɛyɛ atɔeɛ fam hɔ ɛhyeɛ na ɛtoa so de kɔsi Galilea ɛpo no mu.
28 Nkuro ne nkuraaseɛ a ɛwɔ saa beaeɛ yi na wɔde maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuo mu sɛ wɔn agyapadeɛ.
Asase A Wɔde Maa Manase Abusuakuo Fa No
29 Mose de saa beaeɛ yi maa mmusua a ɛwɔ Manase abusuakuo fa no mu.
30 Na wɔn asase no firi Mahanaim, Basan nyinaa, ɔhene Og kane tete ahemman nyinaa ne nkuro aduosia a ɛwɔ Yair a ɛwɔ Basan no. 31 Gilead fa ne ɔhene Og ahenkuro, Astarot ne Edrei ka ho.
Wɔde yeinom nyinaa maa Makir a na ɔyɛ Manase babarima no asefoɔ.
 
32 Yeinom yɛ nkyekyɛmu a Mose yɛɛ ɛberɛ a na ɔwɔ Moab tata so, wɔ Asubɔnten Yordan akyi, Yeriko apueeɛ fam. 33 Nanso, Mose amma Lewi abusuakuo no asase biara, ɛfiri sɛ, na Awurade, Israel Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ wɔn agyapadeɛ.
* 13:1 13.1 Na Yosua adi mfeɛ bɛyɛ aduɔkron kɔsi ɔha. Na Kaleb adi mfeɛ aduɔwɔtwe enum. Na Gesurfoɔ te Palestina anafoɔ fam a ɛbɛn Misraim mpoano.