2
Onipa Ne Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ
Nnome nka wɔn a wɔfa amumuyɛ ho adwene,
wɔn a wɔbɔ ɛpɔ bɔne wɔ wɔn mpa so!
Wɔsɔre anɔpa kɔdi dwuma no
ɛfiri sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.
Wɔn ani bere mfuo na wɔgye.
Na afie nso wɔfa.
Wɔde nyansa korɔno gye nkurɔfoɔ afie,
na ayɔnkofoɔ agyapadeɛ nso wɔgye.
Enti, sɛdeɛ Awurade seɛ nie,
“Meredwene amanehunu a ɛtia saa nkurɔfoɔ yi ho
na worentumi nnyi wo ho mfiri mu.
Worentumi nnante ahantan so bio,
ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ ɛberɛ bɔne.
Saa ɛda no, nnipa bɛsere mo.
Wɔde saa awerɛhoɔ dwom yi
bɛdi mo ho fɛ sɛ:
‘wɔasɛe yɛn koraa;
wɔakyekyɛ me nkurɔfoɔ ahodeɛ mu.
Ɔgye firi me nsa mu!
Na ɔde yɛn mfuo ma akɔnkɔnsafoɔ.’ ”
 
Enti morennya obi wɔ
Awurade asafo mu
a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.
Atorɔ Adiyifoɔ
“Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfoɔ no ka.
“Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm;
animguaseɛ rento yɛn.”
Ao, Yakob efie, mma monnka nsɛm a ɛte saa.
Awurade Honhom nni boasetɔ?
Ɔyɛ nneɛma a ɛte sei anaa?
 
“Ne nsɛm nyɛ deɛ nʼakwan tene
no yie anaa?
Akyire no, me nkurɔfoɔ asɔre
te sɛ asraafoɔ.
Moworɔ ntadeɛ pa firi
wɔn a wɔretwam a wɔnni adwemmɔne biara ho,
ma wɔyɛ te sɛ asraafoɔ a wɔfiri akono.
Mopam mmaa a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu
firi wɔn afie fɛfɛ mu.
Mogye me nhyira
firi wɔn mma nsam afebɔɔ.
10 Sɔre, firi ha kɔ!
Ɛha nyɛ beaeɛ a wɔhome,
ɛfiri sɛ ɛho agu fi,
Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yie bio.
11 Sɛ ɔtorofoɔ ne ɔdaadaafoɔ ba bɛka sɛ,
‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsã bebree a’
ɔbɛyɛ odiyifoɔ a saa nkurɔfoɔ yi pɛ.
Ɔgyeɛ Ho Bɔhyɛ
12 “Mɛboaboa mo nyinaa ano Ao, Yakob;
nokorɛm mɛka Israel nkaeɛfoɔ no nyinaa abɔ mu.
Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nnwan a wɔgu nnwammuo mu,
te sɛ nnwankuo a wɔwɔ adidibea;
nnipa bɛhyɛ beaeɛ ho manyamanya.
13 Deɛ ɔbɔ ɛkwan no bɛdi wɔn anim
wɔbɛbu apono no na wɔafiri akɔ.
Wɔn ɔhene bɛsene adi wɔn anim,
Awurade bɛyɛ wɔn ti.”