3
Ntuanofoɔ Ne Adiyifoɔ Animka
Afei mekaa sɛ,
“Montie, mo Yakob ntuanofoɔ,
mo sodifoɔ a mowɔ Israel efie.
Ɛsɛ sɛ mohunu deɛ ɛyɛ atɛntenenee,
Mo a mokyiri deɛ ɛyɛ na modɔ bɔne
moworɔ me nkurɔfoɔ wedeɛ
na motete ɛnam no firi wɔn nnompe ho;
mowe me nkurɔfoɔ nam,
mowae wɔn wedeɛ,
bubu wɔn nnompe mu nketenkete;
motwitwa wɔn sɛ ɛnam a
mode regu kwansɛn mu.”
 
Afei wɔbɛsu afrɛ Awurade,
nanso ɔrennye wɔn so.
Saa ɛberɛ no ɔde nʼanim bɛsie wɔn,
bɔne a wɔayɛ enti.
Deɛ Awurade seɛ nie:
“Adiyifoɔ a
wɔdaadaa me nkurɔfoɔ no deɛ,
obi ma wɔn biribi di a
wɔpae mu ka asomdwoeɛ nsɛm,
na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a,
adiyifoɔ no siesie wɔn ho sɛ wɔbɛtu wɔn so sa.
Enti adeɛ bɛsa mo a morennya anisoadehunu,
esum bɛduru mo a morennya ahintasɛm biara.
Owia bɛtɔ ama adiyifoɔ no,
na adekyeɛ bɛdane esum ama wɔn.
Adepɛmuhunufoɔ ani bɛwu
na wɔbɛgu nsamanfrɛfoɔ anim ase.
Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim,
ɛfiri sɛ mmuaeɛ biara mfiri Onyankopɔn hɔ mma.”
Nanso me deɛ tumi ahyɛ me ma,
Awurade Honhom ahyɛ me ma
tenenee ne ahoɔden
a mede bɛpae mu aka
Yakob amumuyɛ ne Israel bɔne.
Montie, mo Yakob efie ntuanofoɔ,
mo a moyɛ Israel sodifoɔ,
a mokyiri atɛntenenee
na mokyea deɛ ɛtene nyinaa;
10 Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sion
ne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem.
11 Nʼadikanfoɔ no gye adanmudeɛ ansa na wabu atɛn,
nʼasɔfoɔ gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ,
nʼadiyifoɔ de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ.
Nanso wɔdan Awurade, na wɔka sɛ,
Awurade nni yɛn ntam anaa?
Ɔhaw biara remma yɛn so.”
12 Na mo enti,
wɔbɛfuntum Sion te sɛ afuo,
Yerusalem bɛyɛ mmubuiɛ,
na asɔredan no kokoɔ bɛyɛ sɛ nkɔfie a nkyɛkyerɛ afu wɔ so.