5
Bɔhyɛhene Bi A Ɔfiri Betlehem
Mommoaboa mo akodɔm ano,
Ao akofoɔ kuropɔn,
ɛfiri sɛ, atamfoɔ atwa yɛn ho ahyia.
Wɔde abaa bɛbɔ Israel sodifoɔ no wɔ nʼafono so.
 
“Nanso wo, Betlehem Efrata,
ɛwom sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu deɛ,
nanso, wo mu na obi bɛfiri ama me
a ɔbɛyɛ Israel sodifoɔ,
na nʼase firi teteete.”
 
Enti wɔbɛgya Israelfoɔ mu,
kɔsi sɛ ɔbaa a awoɔ aka no no bɛwo
na ne nuanom mmarima nkaeɛ
bɛsane akɔka Israelfoɔ ho.
 
Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nnwankuo
Awurade ahoɔden mu,
Awurade ne Onyankopɔn din kɛseyɛ mu.
Na wɔbɛtena asomdwoeɛ mu, na afei
ne kɛseyɛ bɛduru asase awieeɛ.
 
Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoeɛ.
Sɛ Asiriafoɔ bɛto hyɛ yɛn so,
na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a,
yɛde nnwanhwɛfoɔ nson,
mpo ntuanofoɔ nwɔtwe bɛhyia wɔn.
Wɔde akofena bɛdi Asiria asase so,
wɔbɛtwe akofena de adi Nimrod asase so.
Sɛ Asiriafoɔ to hyɛ yɛn so,
bɔ nsra fa yɛn ahyeɛ so a,
ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam.
 
Yakob asefoɔ nkaeɛ no
bɛfrafra nnipa bebree mu
te sɛ obosuo a ɛfiri Awurade,
te sɛ osuo a ɛpete gu ɛserɛ so
a ɛnntwɛn ɔdasani,
na ɔdasani biara rentumi nsi ho ɛkwan.
Wɔbɛkane Yakob asefoɔ nkaeɛ no afra aman no mu,
wɔbɛfrafra nnipa bebree mu
te sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwaeɛ mu,
te sɛ gyata ba a ɔfra nnwankuo mu
a ɔbobɔ wɔn tete wɔn mu
na obiara ntumi nnye wɔn.
Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfoɔ so nkonim,
na wɔbɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa.
10 “Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,
“Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ
na mabubu wo nteaseɛnam.
11 Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so
na madwiri wo banbɔ denden nyinaa agu.
12 Mɛsɛe wʼabayisɛm
na wo ntafowayie to bɛtwa.
13 Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wode wo nsa ayɛ
ne aboɔ ahoni a wowɔ no,
na worenkoto nsɔre
wo nsa ano adwuma bio.
14 Mɛtutu Asera afɔrebukyia no afiri wo mu
na masɛe wo nkuropɔn.
15 Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa,
mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtɔ wɔn so wedeɛ.”