4
Awurade Bepɔ No
Nna a ɛdi akyire no mu no,
Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim
sɛ mmepɔ no nyinaa ti;
ɛbɛgye din aboro nkokoɔ nyinaa,
na nnipa ahodoɔ bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
Aman bebree bɛba abɛka sɛ,
“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ so,
Yakob Onyankopɔn efie.
Ɔbɛkyerɛ yɛn nʼakwan,
sɛdeɛ yɛbɛnante soɔ.”
Na mmara no bɛfiri Sion aba
Awurade asɛm bɛfiri Yerusalem aba.
Awurade bɛdi amanaman ntam nsɛm
Aane ɔbɛsiesie ntawantawa ama aman a wɔyɛ den wɔ mmaa nyinaa.
Wɔde wɔn akofena bɛbɔ funtumdadeɛ
wɔde wɔn mpea bɛbɔ nsɔsɔwa.
Ɔman bi ntwe ɔman foforɔ so akofena,
na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
Obiara bɛtena ne bobe
anaa ne borɔdɔma nnua ase,
na obiara remmɛhunahuna wɔn,
ɛfiri sɛ, Asafo Awurade akasa.
Amanaman no nyinaa bɛtumi anante
wɔn anyame din mu,
na yɛn deɛ, yɛbɛnante Awurade,
yɛn Onyankopɔn Din mu daa daa.
Awurade Atirimpɔ
“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,
“Mɛboaboa mmubuafoɔ, atukɔfoɔ
ɛne wɔn a mede awerɛhoɔ aba wɔn so ano.
Mɛma mmubuafoɔ ayɛ me nkurɔfoɔ wɔ asase no so,
atukɔfoɔ no bɛyɛ ɔman kɛseɛ.
Awurade bɛdi wɔn so ɔhene wɔ Sion bepɔ so
afiri da no akɔsi daa.
Na wo, nnwankuo no abantenten,
Ao, Ɔbabaa Sion, abandenden,
wɔde wo tete tumidie no bɛsane abrɛ wo;
Ɔbabaa Yerusalem nsa bɛsane aka nʼahennie.”
 
Ɛdeɛn enti na afei woresu denden,
wonni ɔhene anaa?
Wo futufoɔ ayera, na enti,
ɔyea aka wo sɛ ɔbaa ɔwɔ awokoɔ mu?
10 Ɔyea enti, nukanuka wo mu, Ao Ɔbabaa Sion,
te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no,
seesei ɛsɛ sɛ wofiri kuropɔn no mu
kɔtena ɛserɛ so.
Wobɛkɔ Babilonia;
na ɛhɔ na wɔbɛgye woɔ.
Ɛhɔ na Awurade bɛgye wo
afiri wʼatamfoɔ nsam.
 
11 Seesei deɛ, aman bebree
aka abɔ mu atia wo.
Wɔka sɛ, “Wɔngu Sion ho fi,
na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!”
12 Nanso, wɔnnim Awurade adwene.
Wɔnte nʼagyinatuo ase.
Wɔnnim sɛ ɔno na ɔboaboa wɔn ano te sɛ afiafi
de kɔ ayuporobea.
13 “Sɔre, na pore, Ao Ɔbabaa Sion,
mɛma wo dadeɛ mmɛn;
mɛma wo kɔbere ntɔte
na wobɛbubu aman bebree mu nketenkete.”
Wode wɔn mfasodeɛ a wɔampɛ no ɛkwan pa so bɛbrɛ Awurade,
wode wɔn ahonyadeɛ bɛbrɛ asase nyinaa so wura.