11
Yesu Kɔ Yerusalem
Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yerusalem, na wɔduruu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ no ho no, Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu, dii wɔn anim ɛkan. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ akuraa a ɛwɔ hɔ no ase. Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu sɛ wɔasa afunumu ba bi a wɔntenaa ne so da ahoma. Monsane no, na momfa no mmrɛ me. Na sɛ obi bisa mo sɛ ɛdeɛn na moreyɛ a, monka no tiawa sɛ, ‘Ne ho hia Awurade, na ɔbɛsane de no aba seesei ara.’ ”
Asuafoɔ baanu no siim. Wɔkɔhunuu sɛ aboa no sa efie bi aboboano. Enti, wɔsanee no. Wɔgu so resane no no, nnipa bi a wɔgyina nkyɛn bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moresane afunumu ba no?” Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn aseɛ. Wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu, maa asuafoɔ no de wɔn ntoma guu aboa no so, maa Yesu tenaa ne so. Nnipakuo a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara. Na Yesu di nnipakuo no mfimfini a wɔn nyinaa reteateam sɛ,
“Hosiana!”*
 
“Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba!”
 
10 “Animuonyam nka Onyankopɔn sɛ yɛn agya Dawid ahennie reba.”
 
“Hosiana wɔ ɔsorosoro!”
11 Yesu kɔduruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefiri hɔ, ɛfiri sɛ, na onwunu redwo enti ɔne asuafoɔ dumienu no kɔɔ Betania.
Yesu Dome Ankaa Dua
12 Adeɛ kyee anɔpa a wɔrefiri Betania hɔ no, ɛkɔm dee no. 13 Wɔkɔɔ kakra no, ɔhunuu sɛ borɔdɔma dua bi si hɔ a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ aduaba no bi wɔ so anaa. Nanso, ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ nhahan nko ara na ɛwɔ so. Saa ɛberɛ no nso, na ɛnyɛ ɛberɛ a ɛsɛ sɛ borɔdɔma no so. 14 Nanso, Yesu domee borɔdɔma dua no sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!” Asuafoɔ no tee asɛm a ɔkaeɛ no.
Yesu Kɔ Asɔrefie
15 Yesu sane baa Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔrefie hɔ. Ɔduruu hɔ no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa, 16 sii ɛkwan sɛ obiara mmɛdi dwa wɔ hɔ bio. 17 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Mʼasɔrefie yɛ beaeɛ a wɔbɔ mpaeɛ,’ nanso mo deɛ, mode hɔ ayɛ akorɔmfoɔ atenaeɛ.”
18 Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ tee deɛ Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔ, pɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ayi no afiri hɔ. Asɛm a na ɛha wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yie nso a, ɛde basabasa bɛba, ɛfiri sɛ, na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no atom.
19 Sɛdeɛ na wɔtaa yɛ no, anwummerɛ no ara, wɔfirii kuro no mu.
Borɔdɔma Dua A Ɛwuiɛ No
20 Anɔpa a asuafoɔ no retwam wɔ borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wohunuu sɛ awu. 21 Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteaam sɛ, “Hwɛ, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ! Borɔdɔma dua a wodomee no no awu!”
22 Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Sɛ mowɔ gyidie wɔ Onyankopɔn mu a, 23  anka mobɛtumi aka akyerɛ Ngo Bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu,’ na ɛbɛtutu akɔgu mu nso. Monnye nni; mommma mo gyidie nhinhim. 24  Montie deɛ mereka yi. Biribiara a mobɛbisa wɔ mpaeɛbɔ mu no, monnye nni sɛ mo nsa aka, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo. 25  Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, deɛ ɛdi ɛkan no, sɛ mowɔ obi ho asɛm a, momfa nkyɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo. 26  Na sɛ moamfa bɔne ankyɛ a, saa ara na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso remfa mo bɔne nkyɛ mo.”
Yesu Tumi Ho Nsɛmmisa
27 Wɔbaa Yerusalem bio. Wɔkɔɔ asɔrefie hɔ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, 28 “Tumi bɛn na wogyinaa so pamoo adwadifoɔ no?”
29 Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Merebɛbisa mo asɛm baako bi na mommua me! 30  Onyankopɔn na ɔsomaa Yohane Osubɔni, anaa ɛnyɛ ɔno? Mommua me!”
31 Wɔdwennwenee ho kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Onyankopɔn na ɔsomaa no a,’ wɔbɛbisa yɛn deɛ enti a yɛannye deɛ Yohane kaeɛ no anni. 32 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a,’ ɛdɔm no bɛha yɛn. Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”
33 Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne sɛ, “Yɛrentumi mmua. Yɛnnim.”
Ɛhɔ ara na Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ monnim de a, me nso meremma mo asɛmmisa no ho mmuaeɛ!”
* 11:9 11.9 Nkamfoɔ