12
Bobeturo Mu Akuafoɔ Bi
Yesu nam mmɛbuo so kyerɛɛ nnipa no sɛ: “Ɛda bi, okuafoɔ bi yɛɛ bobefuo, gyee ban faa ho, na ɔtuu amena bi a wɔkyi bobe mu nsuo wɔ mu, na ɔsii ɔwɛn aban wɔ mu. Afei, ɔde afuo no gyaa akuafoɔ bi, na ɔtuu ɛkwan. Ɛduruu ɛberɛ a bobe no bereeɛ a ɛsɛ sɛ wɔte no, ɔsomaa ne ho onipa bi sɛ ɔnkɔgye ne kyɛfa mmrɛ no. Nanso, akuafoɔ no boroo no, ma ɔde ne nsapan sane kɔeɛ. Okuafoɔ no sane somaa onipa foforɔ kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔboroo no, pirapiraa no sene deɛ ɔdi ɛkan no. Onipa a ɔsomaa no bio no deɛ, wɔkumm no. Afoforɔ a akyire no wɔkɔeɛ no nso, wɔhwee ebinom, na wɔkumm ebinom nso.
“Nanso, na aka ɔbaako a ɔyɛ ne ba a ɔdɔ no. Ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn, susuu sɛ wɔbɛfɛre no de anidie ama no.
“Nanso, ɛberɛ a akuafoɔ no hunuu no sɛ ɔreba no, wɔkaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no na ɔreba no. Momma yɛnkum no, na agyapadeɛ no ayɛ yɛn dea!’ Wɔkyeree no, kumm no, twee no firii bobe turom hɔ kɔtoo no twenee baabi.
“Mogye di sɛ, sɛ afu wura no ba a ɛdeɛn na ɔbɛyɛ akuafoɔ no? Ɔbɛba abɛkum wɔn, na ɔde afuo no ama nnipa foforɔ. 10  Monnkanee yei wɔ Atwerɛsɛm no mu pɛn sɛ:
“ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no,
ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ;
11  Awurade na wayɛ yei,
na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’ ”
12 Na ɛsiane saa bɛ a ɔbuiɛ no enti, Yudafoɔ mpanin no pɛɛ sɛ wɔkyere no, ɛfiri sɛ, wohunuu sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka no a ɛkyerɛ sɛ, wɔne saa akuafoɔ atirimuɔdenfoɔ no. Nanso na wɔsuro dɔm no. Yei ma wɔgyaee no, na wɔfirii hɔ kɔeɛ.
Ɛtoɔ Gyeɛ Ho Asɛmmisa
13 Wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no. 14 Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ a, wotaa ka nokorɛ. Deɛ onipa ka no ntumi nnane wʼadwene. Afei, wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ sɛ yɛbisa wo sɛ, ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare* anaa ɛnyɛ?”
15 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no kaa sɛ, “Adɛn enti na mosɔ me hwɛ, momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuaeɛ.” 16 Wɔde maa no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Hwan mfoni ne atwerɛ na ɛwɔ so?”
Wɔbuaa sɛ, “Kaesare deɛ.”
17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma no, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn!”
Ne mmuaeɛ no maa wɔn ho dwirii wɔn.
Owusɔreɛ Ho Asɛmmisa
18 Afei, Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no, baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, 19 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose yɛɛ mmara maa yɛn sɛ, sɛ ɔbarima bi anwo na ɔwu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabaa na ɔne no nwo mma mma owufoɔ no. 20 Anuanom baason bi tenaa ase. Deɛ ɔdi ɛkan no waree yere, na ɔne no anwo na ɔwuiɛ. 21 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no nso waree okunafoɔ no, na ɔno nso, ankyɛre na ɔwuiɛ a ɔne no anwo. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no nso waree no a, ɔne no anwo na ɔwuiɛ. 22 Yei kɔɔ so kɔsii sɛ, anuanom yi nyinaa waree ɔbaa no, na ɔbaa no nso wuiɛ. 23 Deɛ yɛpɛ sɛ yɛhunu ne sɛ, owusɔreɛ no mu, sɛ wɔnya sɔre a, wɔn mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere?”
24 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mfomsoɔ a moyɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ. 25  Sɛ anuanom baason yi ne ɔbaa no sɔre firi awufoɔ mu a, wɔrenware; wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no. 26  Afei, ɛfa awufoɔ owusɔreɛ no ho no nso, monnkanee Mose nwoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne wira a na ɛrehyeɛ no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Mene Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn.’ 27  Na Onyankopɔn reka akyerɛ Mose sɛ, ɛwom sɛ, saa nnipa yi awuwu mfeɛ pii a atwam no deɛ, nanso wɔte ase. Anyɛ saa a anka ɔrenka sɛ ɔyɛ ateasefoɔ Onyankopɔn, na ɔnyɛ awufoɔ Onyankopɔn. Moayɛ mfomsoɔ kɛseɛ.”
28 Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ retie no no hunuu sɛ, wabua wɔn sɛdeɛ ɛfata no, ɔbisaa no sɛ, “Mose mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he na ɛkyɛn ne nyinaa?”
29 Yesu buaa no sɛ, “Deɛ ɛkyɛn ne nyinaa ne deɛ ɛka sɛ, ‘Israel, tie! Awurade, yɛn Onyankopɔn, yɛ Awurade korɔ; 30  na dɔ Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma ne wo kra ne wʼadwene ne wʼahoɔden nyinaa mu,’ no. 31  Na deɛ ɛtɔ so mmienu no ne: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Mmaransɛm bi nni hɔ a ɛkyɛn eyinom.”
32 Atwerɛsɛm no ɔkyerɛkyerɛfoɔ no buaa no sɛ, “Owura, woaka nokorɛ sɛ, Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ, na obi foforɔ nka ne ho, 33 na menim nso sɛ, sɛ mɛdɔ no afiri mʼakoma ne mʼadwene ne mʼahoɔden nyinaa mu, na mɛdɔ me yɔnko sɛ me ho no, sene afɔdeɛ biara a wɔbɔ.”
34 Yesu hunuu sɛ wabua asɛm no nyansa mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne Onyankopɔn Ahennie ntam ɛkwan nware.” Na saa asɛm yi akyi, obi antumi ammisa no asɛm biara bio.
Onipa Ba No Ho Asɛmmisa
35 Ɛberɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔbisaa nnipa no sɛ, “Adɛn na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no yɛ Ɔhene Dawid ba? 36  Ɛfiri sɛ Dawid ankasa nam Honhom Kronkron mu kaa sɛ,
“ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ:
“Tena me nifa so
kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ
bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” ’
37  Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?”
Ɛkwan a ɔfaa so kasaeɛ no maa nnipa no de anigyeɛ tiee no.
Atwerɛfoɔ No Kɔkɔbɔ
38 Ɛberɛ bi a nnipakuo bi de anigyeɛ retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ho! Wɔhyɛ ntadeɛ akɛseɛ sɛ asikafoɔ na sɛ wɔnam badwa mu a, wɔpɛ sɛ obiara a ɔhyia wɔn no de obuo kyea wɔn. 39  Sɛ wɔkɔ hyiadan mu a, wɔtenatena mpanin adwa so, na sɛ wɔkɔ adidie ase a, wɔtena mpanin tenabea. 40  Wɔbɔ mpaeɛ hunu atentene kyerɛ nnipa sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wɔsisi akunafoɔ. Yei enti wɔbɛnya asotwe a emu yɛ duru.”
Ɔbaa Kunafoɔ Hiani Bi
41 Ɛda bi a Yesu kɔɔ asɔredan mu no, ɔkɔtenaa afɔrebɔ adaka a ɛsi hɔ no anim hwɛɛ sɛdeɛ nkurɔfoɔ no de sika regu adaka no mu. Asikafoɔ no de sika a ɛdɔɔso guu mu. 42 Ɔbaa kunafoɔ hiani bi nso baeɛ na ɔde sika nketewa mmienu bɛguu mu.
43 Ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Saa ɔbaa kunafoɔ hiani yi afɔdeɛ a ɔbɔeɛ no som bo sene afɔdeɛ akɛseakɛseɛ a asikafoɔ no bɛbɔeɛ no nyinaa. 44  Na wɔn nyinaa firi deɛ wɔanya ama abu wɔn so no mu na wɔyiyii bi de baeɛ, na ɔbaa yi deɛ, ɔfiri ne hia mu de deɛ ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu no.”
* 12:14 12.14 Na ɛyɛ asɛdeɛ sɛ ɔmanfoɔ tua toɔ ma Romahene. Na togyeɛ nsɔ ani koraa enti Yudafoɔ no bi ampɛ sɛ wɔbɛtua, ɛfiri sɛ, na wɔgye di sɛ ɛtoɔ no tua no na ɛnyɛ Roma den ma wɔdi ɔman no so.