14
Wɔbɔɔ Yesu Ho Pɔ
Aka nnanu na Twam Afahyɛ* ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafoɔ ahomegyeɛ nna no aduru no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hwehwɛɛ nyansakwan a wɔbɛfa so akye Yesu, akum no. Nanso, wɔkaa sɛ, “Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasa bɛba ɔman no mu.”
Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania
Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Ɔtuu ano, hwie guu Yesu tirim.
Deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no anyɛ nnipa a wɔte adidiiɛ no mu bi dɛ. Na wɔkaa sɛ, “Wasɛe ngo no kwa. Anka ɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi anya sika pii na ɔde ama ahiafoɔ.”
Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnyaa no! Adɛn enti na moreha no wɔ ade pa a ɔyɛeɛ no ho? Mo ne ahiafoɔ a mobɛtumi aboa wɔn ɛberɛ biara mu na ɛte. Na me deɛ, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn. Wayɛ deɛ ɔbɛtumi. Wadi ɛkan asra me onipadua ama ɛda a wobɛsie me. Mereka makyerɛ mo sɛ, baabiara a wɔbɛka Asɛmpa no wɔ ewiase no, wɔde deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no bɛkae no, akamfo no.”
Yuda Pene So Sɛ Ɔbɛyi Yesu Ama
10 Afei, Yuda Iskariot, asuafoɔ dumienu no mu baako, kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛdeɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn no ho. 11 Asɔfoɔ mpanin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Ɛfiri saa ɛberɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya Yesu ho ɛkwan, ayi no ama ɛberɛ a ɛsɛ mu.
Yesu Ne Nʼasuafoɔ Adidie
12 Apiti Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan a wɔkum Twam Afahyɛ odwan no, nʼasuafoɔ bisaa no faako a wɔbɛkɔ akɔdi Twam Afahyɛ no.
13 Ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no. Deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, “Morekɔ kuro no mu a, mobɛhyia onipa bi a ɔso ahina. Monni nʼakyi. 14  Baabiara a ɔbɛwura no, monka nkyerɛ efiewura no sɛ, ‘Yɛn wura asoma yɛn sɛ, yɛmmɛhwɛ ɛdan a wɔasiesie ama yɛn a yɛbɛdi Twam Afahyɛ no wɔ mu no.’ 15  Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na monyɛ ahoboa mma yɛn.”
16 Asuafoɔ baanu no siim kɔɔ kuro no mu, na wɔhunuu biribiara sɛdeɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wɔsiesiee Twam Afahyɛ no wɔ hɔ.
17 Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ne dumienu no baeɛ. 18 Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kaa sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, mo a me ne mo reto nsa adidi yi mu baako bɛyi me ama.”
19 Wɔn nyinaa werɛ hoeɛ, na wɔhyɛɛ aseɛ bisaa mmaako mmaako sɛ, “Ɛyɛ me anaa?”
20 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ mo dumienu a mo ne me reto nsa adidi yi mu baako. 21  Onipa Ba no wu sɛdeɛ odiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ.”
Adidi Kronkron Asehyɛ
22 Ɛberɛ a wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ɔhyiraa so bubuiɛ, na ɔde maa wɔn kaa sɛ, “Monnye nni; yei ne me onipadua.”
23 Afei, ɔfaa kuruwa a nsã wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi.
24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den a bebree enti wɔrehwie agu. 25  Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom saa nsã yi bio da akɔsi ɛda a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.”
26 Wɔtoo dwom bi wieeɛ no, wofirii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔ no so.
Yesu Hyɛ Pa A Petro Bɛpa No No Ho Nkɔm
27 Wɔduruu deɛ wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa bɛdwane agya me. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam adiyifoɔ no so kaa sɛ,
“ ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no,
na nnwan no abɔ apete.’
28  Na sɛ mewusɔre a, mɛdi mo anim akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.”
29 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da!”
30 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Petro, ansa na anadwo yi akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woapa me mprɛnsa.”
31 Petro de anibereɛ kaa sɛ, “Merempa wo da! Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!” Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kaeɛ.
Yesu Bɔ Mpaeɛ Wɔ Getsemane
32 Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Montena ha, na merekɔbɔ mpaeɛ aba.” 33 Ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho hyɛɛ aseɛ yeraa no, na ɔyɛɛ basaa. 34 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.”
35 Ɔkɔɔ nʼanim kakra, kɔbutuu fam, bɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, saa ahoyera no ntwa ne ho nkɔ. 36 Ɔkaa sɛ, “Abba, Agya! Wotumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ, na ɛnyɛ deɛ mepɛ.”
37 Ɔsane baeɛ no, ɔbɛhunuu asuafoɔ baasa no sɛ wɔadeda. Ɔbisaa Petro sɛ, “Simon, woada? Woantumi ne me anwɛn dɔnhwereɛ baako pɛ mpo? 38  Monwɛn na mommɔ mpaeɛ na ɔsɔhwɛfoɔ no anni mo so. Honhom no pɛ deɛ, na honam no na ɛyɛ mmerɛ.”
39 Ɔsane kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ korɔ no ara. 40 Ɔsane baa wɔn nkyɛn bio bɛhunuu sɛ wɔadeda, ɛfiri sɛ, na wɔabrɛbrɛ. Na wonhunu deɛ wɔnka nkyerɛ no.
41 Ɔsane baa ne mprɛnsa so no, ɔbisaa wɔn sɛ. “Mogu so adeda a morehome? Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ mode da no atwam. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa. 42  Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ, deɛ ɔreyi me ama no wɔ ha!”
Wɔkyere Yesu
43 Ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ nʼasuafoɔ no mu baako ne dɔm a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin asoma wɔn ka ne ho a, wɔkurakura akofena ne mmaa baa hɔ.
44 Na Yuda aka akyerɛ wɔn dada sɛ, “Deɛ mɛbam no, ayɛ no atuu no, ɔno ne deɛ morehwehwɛ no no. Monkyere no, na monsɔ ne mu yie mfa no nkɔ.” 45 Ɛno enti, wɔduruu hɔ pɛ, ɔkɔɔ Yesu nkyɛn kɔbam no kaa sɛ, “Me Wura.” Afei, ɔyɛɛ no atuu. 46 Ɛhɔ ara, na ɛdɔm a wɔne Yuda nam no sɔɔ Yesu mu kyeree no. 47 Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne akofena de twaa Ɔsɔfopanin no akoa bi aso ma ɛteeɛ.
48 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Meyɛ owudifoɔ enti na mode akofena ne mmaa aba me so rebɛkye me anaa? 49  Adɛn na ɛberɛ a merekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu hɔ no, moankye me? Nanso, yeinom nyinaa aba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛɛ wɔ me ho no bɛba mu.” 50 Asuafoɔ no nyinaa dwane gyaa no.
51 Aberanteɛ bi a ɔde ntomasini bi asi nʼasene dii nʼakyi. 52 Ɛdɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso ɔgyaa ne ntoma no maa wɔn, de ne ho saa ara dwanee.
Yesu Gyina Ɔsɔfopanin Anim
53 Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfopanin no anim no, ankyɛre na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi bɛhyiaa hɔ. 54 Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tee ne ho dii wɔn akyi, na ɔwiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanin no efie hɔ de ne ho kɔfraa asomfoɔ bi a na wɔreto ogya no mu.
55 Asɔfoɔ mpanin ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso, wɔannya bi. 56 Nnipa pii bɛdii adansekurumu tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no bɔɔ abira.
57 Afei, nnipa no bi kekaa nsɛm a ɛnnim too ne so sɛ, 58 “Yɛtee sɛ ɔkaa sɛ, ‘Mɛbubu asɔredan a wɔde nsa na ɛsii no, na mede nnansa asi foforɔ a wɔamfa nsa ansi!’ ” 59 Na yei mpo, wɔn adanseɛ no anhyia.
60 Ɔsɔfopanin no sɔre gyinaa badwa no mfimfini bisaa Yesu sɛ, “Yei nso, wonni ho anoyie biara? Ɛdeɛn na wowɔ ka?” 61 Yesu ammua no.
Afei, Ɔsɔfopanin no bisaa no bio sɛ, “Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no anaa?”
62 Yesu buaa no sɛ, “Mene no, na mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyankopɔn nifa, na ɔnam omununkum mu resane aba asase so.”
63 Yei maa Ɔsɔfopanin no sunsuanee nʼatadeɛ mu kaa sɛ, “Adansefoɔ bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? 64 Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkaeɛ no. Ɛdeɛn na mowɔ ka?”
Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, ɔsɛ owuo. 65 Na ebinom tee ntasuo guu ne so, na wɔkyekyeree nʼani, na wɔbobɔɔ no akuturuku bisaa no sɛ “Wose woyɛ odiyifoɔ, kyerɛ yɛn onipa ko a ɔbɔɔ wo!” Na asomfoɔ a wɔde no rekɔ no bobɔɔ no asotorɔ.
Petro Pa Yesu
66 Ɛberɛ a na Petro te adihɔ hɔ no, Ɔsɔfopanin no mmaawa no mu baako baa hɔ; 67 na ɔhunuu Petro sɛ ɔreto ogya no, ɔhwɛɛ no haa, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!”
68 Petro saneeɛ sɛ, “Mennim deɛ woreka yi ho hwee!” Na ɛhɔ ara na ɔfirii adi kɔtenaa nkyɛn baabi. Saa ɛberɛ no ara na akokɔ bɔnee.
69 Abaawa no sane hunuu no, na ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no sɛ, “Yei nso ka wɔn ho. Ɔyɛ Yesu asuafoɔ no mu baako!” 70 Petro saneeɛ bio.
Ɛkyɛɛ kakra no, nnipa a wɔgyina ogya no ho no hyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Woka wɔn ho, ɛfiri sɛ, woyɛ Galileani!”
71 Petro hyɛɛ aseɛ kekaa ntam, dii nse sɛ, “Mennim saa onipa a moreka ne ho asɛm yi.”
72 Na ɛhɔ ara, akokɔ bɔnee deɛ ɛtɔ so mmienu. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Akokɔ remmɔn mprenu na woapa me mprɛnsa” no. Na ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ.
* 14:1 14.1 Ɛyɛ afahyɛ bi a wɔde kae ɛberɛ a Awurade bɔfoɔ bɛtwaam faa Hebrifoɔ anim na ɔkunkumm wɔn mmakan sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Misraimfoɔ afie mu no. (Hwɛ 2 Mose 12.11) 14:70 14.70 Petro kasa na ɛdaa no adi sɛ ɔyɛ Galileani.