15
Yesu Gyina Pilato Anim
Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, asɔfoɔ mpanin, Yudafoɔ mpanin, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne agyinatufoɔ hyia dwenee ɛkwan a wɔde Yesu bɛfa so ho. Wɔkyekyeree no de no kɔhyɛɛ Pilato nsa.
Wɔde no duruu hɔ no, Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?”
Yesu buaa sɛ, “Mo na moseɛ.”
Ɛhɔ ara, asɔfoɔ mpanin no kaa nsɛm akɛseakɛseɛ guu ne so, nanso wanka hwee. Pilato bisaa no bio sɛ, “Enti, nsɛm akɛseakɛseɛ a wɔreka gu wo so yi, wonka ho hwee?”
Nanso, Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ Pilato nwanwa.
Na ɛyɛ Pilato amanneɛ sɛ, afe biara Twam Afahyɛ no mu, ɔgyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wɔgyaa no ma wɔn. Saa afe no mu, na onipa bi a wɔfrɛ no Baraba no ka nnipa bi a wɔsɔre tiaa aban, nam so dii awu no ho wɔ afiase hɔ. Ɛdɔm no kɔɔ Pilato so kɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyi odeduani baako mma wɔn sɛdeɛ daa ɔyɛ no.
Pilato bisaa sɛ, “Menyi ‘Yudafoɔ Ɔhene’ no mma mo anaa?” 10 Ɛfiri sɛ, na wahunu sɛ asɔfoɔ mpanin no de ɔtan na atwa asɛm ato Yesu so ɛsiane din a na wagye no enti. 11 Nanso, asɔfoɔ mpanin no tuu dɔm no aso sɛ, sɛ wɔde bɛyi Yesu deɛ, wɔmpere ma wɔnyi Baraba.
12 Enti, Pilato bisaa wɔn sɛ, “Na sɛ meyi Baraba ma mo a, ɛdeɛn na menyɛ saa ɔbarima yi a mofrɛ no mo ɔhene no?”
13 Wɔteateaam sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!”
14 Pilato bisaa wɔn bio sɛ, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?”
Wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!”
15 Afei, Pilato hunuu sɛ ɔyɛ asɛm no hwee a, ɛrenyɛ yie. Afei, na ɔsuro nso sɛ, sɛ anhwɛ a basabasayɛ bɛba enti, ɔgyaa Baraba maa wɔn. Ɔmaa wɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɛno akyi no, ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.
Yesu Ho Fɛdie
16 Asraafoɔ no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, ɛnna wɔfrɛɛ asraafoɔ no nyinaa baa hɔ. 17 Wɔhyɛɛ no batakari kɔkɔɔ bi, de nkasɛɛ atentene bi nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no. 18 Wɔhyɛɛ aseɛ bɔ gyee so, dii ne ho fɛ sɛ, “Yudafoɔ ɔhene, wo nkwa so!” 19 Wɔde abaa paa nʼapampam, tetee ntasuo guu ne so, buu no nkotodwe, de dii ne ho fɛw. 20 Wɔdii ne ho fɛ wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ no, ɛnna wɔde ɔno ara nʼatadeɛ hyɛɛ no, de no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.
Wɔbɔ Yesu Asɛnnua Mu
21 Wɔrekɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɛkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no. 22 Wɔde Yesu baa baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Golgota a (nʼasekyerɛ ne Nitire so) hɔ. 23 Ɛhɔ na wɔmaa no nsã nwononwono bi sɛ ɔnnom, nanso wannom. 24 Afei, wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Yei akyi, wɔbɔɔ nʼatadeɛ no so ntonto.
25 Ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron na wɔbɔɔ no asɛnnua mu. 26 Asɛm bi a wɔka too no so na wɔtwerɛɛ taree nʼasɛnnua no atifi ka sɛ,
Yudafoɔ Ɔhene.
27 Ɛda no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifoɔ baanu bi asɛnnua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so, ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so. 28 Yei maa deɛ Atwerɛsɛm no kaa sɛ, “Wɔkan no fraa nnebɔneyɛfoɔ mu” no baa mu. 29 Nnipa a wɔsen faa hɔ no nyinaa wosowosoo wɔn ti, dii ne ho fɛ sɛ, “Ei, wo ni? Ɛnyɛ wo na woseɛ sɛ, wobɛtumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? 30 Sɛ wose wo ho yɛ nwanwa a, ɛnneɛ siane firi asɛnnua no so si fam.” 31 Saa ɛberɛ no na asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no nso atwa ahyia hɔ redi Yesu ho fɛw. Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛ sɛ, “Ɔgye afoforɔ nanso ɔntumi nnye ne ho!” 32 Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛ bio sɛ, “Agyenkwa! Yudafoɔ ɔhene! Siane firi asɛnnua no so si fam, na yɛnnye wo nni!” Awudifoɔ a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnua mu no mpo dii ne ho fɛ bi.
Yesu Wuiɛ
33 Ɛfiri owigyinaeɛ kɔpem nnɔnmiɛnsa no, esum duruu asase no so nyinaa. 34 Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Onyankopɔn, Me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?”
35 Wɔn a wɔgyina hɔ no bi a wɔtee deɛ ɔkaeɛ no kaa sɛ, “Montie sɛ ɔrefrɛ Elia.”
36 Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔ bi, de bɔɔ nsã nwononwono bi mu, de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkaa sɛ, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa!”
37 Afei, Yesu de nne kɛseɛ teaam bio, na ɔgyaa ne honhom mu wuiɛ.
38 Ɛhɔ ara, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu no mu suanee mmienu firi soro kɔsii fam.* 39 Asraafoɔ ɔha so panin a na ɔgyina hɔ no hunuu ɛkwan a Yesu faa so wuiɛ no, ɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!”
40 Saa ɛberɛ no, na mmaa bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so. Mmaa no bi ne Maria Magdalene, Maria a ɔyɛ Yakobo kumaa ne Yosef maame ne Salome. 41 Ɛberɛ a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmaa yi dii nʼakyi somm no. Saa ara nso na na nnipa bi a wɔdii nʼakyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ.
Yesu Sie
42 Ɛduruu anwummerɛ no, ɛsiane sɛ na adeɛ kye a ɛyɛ Homeda no enti, 43 ɔbadwani animuonyamfoɔ bi a, wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a, na ɔretwɛn ɛberɛ a Onyankopɔn Ahennie no bɛba no de akokoɔduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ, ɔmfa Yesu amu no mma no. 44 Ɛberɛ a Pilato tee sɛ Yesu awu no, wannye anni, enti ɔfrɛɛ Roma asraafoɔ panin a na ɔhwɛ hɔ no bisaa no. 45 Asraafoɔ panin no kaa sɛ wawu no, Pilato maa Yosef ho ɛkwan sɛ ɔnkɔfa amu no. 46 Yosef kɔtɔɔ nwera, yii Yesu amu no firii asɛnnua no so, de nwera no kyekyeree no, ɔde no kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa mu, piree ɛboɔ kɛseɛ bi hinii ano. 47 Na Maria Magdalene ne Yosef ne maame Maria wɔ hɔ bi, na wɔhunuu faako a wɔde Yesu amu no toeɛ.
* 15:38 15.38 Ntwamutam no tware Kronkron Beaeɛ ne Kronkron Mu Kronkron no mu (2 Mose 26.31-35). Ntwamutam no mu te a ɛteeɛ no kyerɛ sɛ Kristo kɔ ɔsoro ma yɛn sɛdeɛ ɛbɛma yɛn nso yɛapue Onyankopɔn anim. 15:42 15.42 Na ɛyɛ Efiada anwummerɛ.