16
Yesu Owusɔreɛ
Adeɛ kyeeɛ a Homeda no twaam no, Maria Magdalene ne Salome ne Yakobo maame Maria kɔtɔɔ nnuhwam sɛ wɔde rekɔ akɔsra Yesu amu no. Ɛda a ɛdi nnawɔtwe no ɛkan anɔpahema no, ansa na owia bɛpue no, wɔde nnuhwam no baa ɛda no so. Wɔnam ɛkwan so rekɔ no, na wɔredwene deɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛpire ɛboɔ no afiri ɛda no ano no ho.
Nanso, wɔreyɛ aduru hɔ no, wɔmaa wɔn ani so hunuu sɛ, obi apire ɛboɔ kokuroko no afiri ɛda no ano. Wɔkɔɔ ɛda no mu kɔhunuu aberanteɛ bi sɛ ɔhyɛ atadeɛ fitaa te nifa so hɔ. Wɔhunuu no no, wɔbɔɔ birim.
Nanso, aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro. Ɛnyɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no na morehwehwɛ no no? Ɔnni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no toeɛ hɔ! Afei, monkɔ na monkɔka yei nkyerɛ nʼasuafoɔ no ne Petro sɛ, ‘Yesu redi mo anim akɔ Galilea. Ɛhɔ na mobɛhunu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo ansa na ɔrewu no!’ ”
Mmaa no de ehu ne ahopopoɔ dwane firii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa.
Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Maria Magdalene
Kwasiada anɔpa na Yesu sɔre firii awufoɔ mu. Onipa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no kane ne Maria Magdalene, ɔbaa a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no. 10 Maria Magdalene kɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔhunuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahoɔ, na wɔresu. 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wahunu Yesu na ɔte ase. Nanso, wɔannye no anni.
Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Asuafoɔ Baanu
12 Akyire yi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam firi Yerusalem rekɔ akuraa, nanso wɔhunuu no no, ahyɛaseɛ no, wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ ɔno, ɛfiri sɛ, na wasesa. 13 Akyire no a wɔhunuu onipa ko a ɔyɛ no, wɔtuu mmirika sane baa Yerusalem, bɛka kyerɛɛ nkaeɛ no, nanso obiara annye wɔn anni.
14 Akyire no a asuafoɔ dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa wɔn anim wɔ gyidie a wɔnni ne gye a wɔannye wɔn a wɔbɛkaa sɛ wasɔre no anni no ho.
Asomafoɔ No Asɛmpaka
15 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ ewiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa. 16  Na obiara a ɔgye di na wɔbɔ no asu no, wɔbɛgye no nkwa. Na obiara a ɔnnye nni no, wɔbɛbu no fɔ. 17  Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔgye me di no akyi. Wɔde me din bɛtu ahonhommɔne, na wɔaka kasa foforɔ. 18  Wɔbɛsɔ awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduro bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa bɛgu ayarefoɔ so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”
Yesu Sorokɔ
19 Awurade Yesu ne wɔn kasa wieeɛ akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so. 20 Yei akyi no, asuafoɔ no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ahodoɔ nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no mu den.