8
Nnipa Mpemnan Aduanema
Ɛda koro bi a nnipakuo bi aba Yesu nkyɛn no, aduane a wɔdi no saeɛ. Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi nnansa wɔ ha a, wɔnni aduane biara a wɔbɛdi bio. Sɛ megya wɔn ɛkwan sɛ wɔnkɔ a wonnidiiɛ a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ baha wɔ ɛkwan so, ɛfiri sɛ, wɔn mu bi firi akyirikyiri na wɔbaeɛ.”
Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Ɛhefa na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi wɔ ɛserɛ yi so ha?”
Ɔbisaa wɔn sɛ, “Burodo ahe na mowɔ?”
Wɔbuaa no sɛ, “Yɛwɔ nson.”
Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ wɔntenatena ase wɔ ɛserɛ no so. Afei, ɔfaa burodo nson no, na ɔhyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyɛ maa nnipa no. Na wɔwɔ mpataa kakra wɔ hɔ, enti Yesu hyiraa ɛno nso so, de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn. Nnipakuo no didi meeɛ no, ɔgyaa wɔn ɛkwan. Nnipa a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnan. Na wɔtasee aseɛ nnikaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma nson. 10 Yei akyi no, ɔne nʼasuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu baa Dalmanuta fam.
Ɔsoro Nsɛnkyerɛnneɛ
11 Farisifoɔ no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnneɛ bi nna adi wɔ ewiem nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yɛbɛgye wo adi.” 12 Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔguu ahome, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛn enti na mohwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ daa yi? Nsɛnkyerɛnneɛ biara nni hɔ a mɛyɛ akyerɛ mo.” 13 Ɔsane kɔtenaa kodoɔ no mu, gyaa wɔn, tware kɔɔ asuogya nohoa.
Herode Ne Farisifoɔ Mmɔka
14 Asuafoɔ no werɛ firii sɛ wɔfa aduane bi kura ansa na wɔakɔ. Aduane a na wɔkura wɔ kodoɔ no mu no yɛ burodo baako pɛ. 15 Wɔretwa asuo no no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Ɔhene Herode ne Farisifoɔ mmɔreka ho.”
16 Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Asɛm a ɔreka yi ase ne sɛn?” Deɛ wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne sɛ, ebia ɔreka aduane a wɔn werɛ firii sɛ wɔbɛfa akuta no ho asɛm.
17 Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte yei ase anaa? Mo akoma da so pirim? 18  Mowɔ ani nso monhunu adeɛ? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Na monnkae biribi anaa? 19  Ɛberɛ a mebubuu burodo enum mu maa nnipa mpemnum no, nnikaeɛ nkɛntɛmma ahe na motaseeɛ?”
Wɔkaa sɛ, “Dumienu.”
20  “Na mesane de burodo nson maa nnipa mpemnan no nso, ahe na ɛkaeɛ?”
Wɔkaa sɛ, “Nkɛntɛmma nson.”
21 Ɔbisaa wɔn bio sɛ, “Monnte ase ara anaa?”
Onifirani Bi Ayaresa Wɔ Betsaida
22 Ɛberɛ a wɔduruu Betsaida no, nnipa bi de onifirani bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yadeɛ. 23 Yesu sɔɔ onifirani yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasuo guu onifirani no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no sɛ, “Wohunu adeɛ anaa?”
24 Onifirani no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro, buaa sɛ, “Aane, mehunu nnipa! Nanso mehunu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.”
25 Afei, Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifirani no buee nʼani, na ɛberɛ a ɔrehwɛ adeɛ haa no, nʼani no yɛɛ yie a afei deɛ na ɔhunu biribiara kann. 26 Yesu ma ɔkɔɔ efie, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsane nkɔ akuraa no ase bio.”
Petro Ka Sɛ Yesu Ne Kristo No
27 Yesu ne nʼasuafoɔ no firi Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɛkwan so rekɔ no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Nnipa ka sɛ mene hwan?”
28 Asuafoɔ no buaa sɛ, “Ebinom se wone Yohane Osubɔni no, na afoforɔ nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifoɔ no mu bi a wasane aba.”
29 Na ɔbisaa wɔn sɛ, “Na mo nso mose meyɛ hwan?”
Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo no.”
30 Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnka nkyerɛ obiara.
Yesu Hyɛ Ne Owuo Ne Ne Wusɔreɛ Ho Nkɔm
31 Afei, ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ Onipa Ba no bɛhunu amane, na mpanimfoɔ, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bɛpo no, na wɔakum no, na nnansa so, Onipa Ba no bɛsɔre. 32 Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara ansie wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn, bisaa no sɛ, “Adɛn enti na woka asɛm a ɛte sɛɛ yi?”
33 Yesu danee ne ho hwɛɛ nʼasuafoɔ no, kaa Petro anim sɛ, “Firi me so, ɔbonsam! Wʼadwene yɛ deɛ ɛfiri onipa na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.”
Ahopakyire
34 Afei, ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no ne nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛtie no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasɛnnua, na ɔdi mʼakyi. 35  Deɛ ɔma ne ɔkra som no bo no, ɛbɛfiri ne nsa. Na deɛ me ne Asɛmpa no enti, ɔbɛhwere ne kra no, wɔbɛgye ne nkwa. 36  Na sɛ onipa nya ewiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? 37  Ɛdeɛn na ɛsom bo sene ne kra? 38  Na obiara a saa nna bɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no, aniwu ɛberɛ a me ne mʼabɔfoɔ kronkron no bɛsane aba wɔ mʼAgya animuonyam mu no.”