9
Yesu Animuonyam Da Adi
Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mo a mogyina ha yi mu bi bɛtena ase akɔsi sɛ mobɛhunu sɛ, Onyankopɔn Ahennie no reba tumi mu!”
Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi atifi. Saa ɛberɛ no, na obiara nni hɔ ka wɔn ho. Amonom hɔ ara, Yesu sakyerae animuonyam mu. Nʼatadeɛ hyerɛn yɛɛ fitafita sene sɛdeɛ obi bɛtumi ahoro saa atadeɛ no ama ayɛ fitaa no. Afei Elia ne Mose bɛfirii hɔ. Na wɔne Yesu kasaeɛ!
Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese mmiɛnsa wɔ ha, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia deɛ baako.” Esiane sɛ na wɔabɔ hu no enti na ɛma ɔkaa saa.
Na omununkum bɛkataa wɔn so. Ɛnne bi firii omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba. Montie no.”
Prɛko pɛ, wɔtotoo wɔn ani no, wɔanhunu obiara ka Yesu ho.
Wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka deɛ wɔahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu. 10 Asuafoɔ no anka ankyerɛ obiara, na mmom, ɛyɛ a, na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, nʼasɛm a ɔkaa sɛ, “Mɛnyane afiri awufoɔ mu” no, na ɔkyerɛ sɛn?
11 Afei, nʼasuafoɔ no bisaa no deɛ enti a daa mmara no akyerɛkyerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Elia sane ba ansa na Onipa Ba no aba no.
12 Yesu gye too mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di ɛkan ba bɛtoto nneɛma nyinaa yie. Ɔkaa sɛ, “Ɛnneɛ na adɛn enti na wɔatwerɛ sɛ Onipa Ba no bɛhunu amane bebree na wɔapo no? 13  Nanso me se mo sɛ, Elia aba dada! Na wɔne no anni no yie sɛdeɛ adiyifoɔ no hyɛɛ ho nkɔm no.”
Yesu Sa Abarimaa Bi A Ɔwɔ Honhommɔne Yadeɛ
14 Ɛberɛ a wɔsiane bɛduruu bepɔ no ase hɔ no, wɔhunuu sɛ nnipakuo atwa asuafoɔ a wɔaka no ho ahyia, na wɔne mmara no akyerɛkyerɛfoɔ no regye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ. 15 Ɛberɛ a nnipakuo no hunuu Yesu no wɔn ho dwirii wɔn, na wɔde mmirika, bɛhyiaa no.
16 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Akyinnyeɛ a na moregye no fa ɛdeɛn ho?”
17 Nnipa no mu baako kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mede me ba aba ha sɛ sa no yadeɛ. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so enti, ɔntumi nkasa. 18 Sɛ honhommɔne no ka ne ho wɔ ne mu a, ɛtwa no hwe fam, ma nʼano twa ahuro, ma ɔtwɛre ne se, ma ɔsensene. Ɛno enti, mesrɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔntu honhommɔne no mfiri ne mu, nanso wɔantumi.”
19 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “O, mo a mo gyidie sua, me ne mo ntena nkɔsi da bɛn ansa na mo gyidie atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.”
20 Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Ɛberɛ a wɔde no duruu Yesu anim pɛ no, yadeɛ no baa dendeenden, twaa no hwee fam, ma ɔperee ara a nʼano retwa ahuro.
21 Yesu bisaa abarimaa no agya sɛ, “Nna ahe ni a yadeɛ yi baa ne so?”
Abarimaa no agya buaa Yesu sɛ, “Ɛfiri ne mmɔfraase pɛɛ; 22 na ɛtɔ ɛda bi koraa a, yadeɛ no tumi twa no hwe ogya anaa nsuo mu, pɛ sɛ ɛkum no. Enti, sɛ wobɛtumi asa no yadeɛ deɛ a, hunu yɛn mmɔbɔ, na sa no yadeɛ ma yɛn.”
23 Yesu bisaa no sɛ, “Adɛn enti na woka sɛ, sɛ mɛtumi a? Nneɛma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama obiara a ɔgye die.”
24 Abarimaa no agya buaa sɛ, “Mewɔ gyidie nanso ɛsua, enti boa me, na hyɛ me gyidie mu den!”
25 Yesu hunuu sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteaa honhommɔne no sɛ, “Honhommɔne sotifoɔ ne mumu, mehyɛ wo sɛ, firi abɔfra yi mu fi. Nkɔhyɛ ne mu bio!”
26 Afei, yadeɛ no baa dendeenden ansa na ɛrefiri ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufoɔ. Enti, nnipakuo no kasaa huhuhuhu sɛ, “Wawu.” 27 Nanso, Yesu sɔɔ ne nsa, pagyaa no ma ɔgyinaa ne nan so a ne ho atɔ no.
28 Yei akyi a Yesu ne nʼasuafoɔ no nko ara wɔ efie no, wɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛn deɛ yɛantumi antu saa honhommɔne no?”
29 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mpaeɛbɔ nko ara na ɛbɛtumi atu saa yadeɛ yi.”
Yesu Owuo Ho Nkɔmhyɛ
30 Yesu firii hɔ no, ɔfaa Galilea, ɛfiri sɛ, na ɔmpɛ sɛ nnipa te ne nka. 31 Na ɔpɛ sɛ ɔnya berɛ ma nʼasuafoɔ no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔbɛyi Onipa Ba no ama, na wɔakum no, na ne nnansa so, ɔbɛsɔre aba nkwa mu bio.” 32 Asuafoɔ no ante asɛm a ɔkaeɛ yi ase, nanso na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no aseɛ.
Hwan Ne Ɔkɛseɛ?
33 Yesu ne nʼasuafoɔ no baa Kapernaum. Ɛberɛ a wɔduruu efie a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Yɛreba no, ɛdeɛn akyinnyeɛ na na moregye wɔ ɛkwan so no?” 34 Asuafoɔ no antumi ammua ɛfiri sɛ, na wɔredwennwene deɛ ɔbɛyɛ wɔn mu kɛseɛ no ho.
35 Ɔtenaa ase, frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanin wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ abɔfra anaa ɔsomfoɔ wɔ mo mu!”
36 Afei, ɔde abɔfra ketewa bi bɛgyinaa wɔn mfimfini. Ɔde abɔfra no kyerɛɛ wɔn kaa sɛ, 37  “Mo mu biara a me enti ɔbɛgye abɔfra ketewa sɛ yei no, agye me, na deɛ ɔbɛgye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no!”
Deɛ Ɔntia Yɛn No Wɔ Yɛn Afa
38 Yohane a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛhunuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne enti yɛka kyerɛɛ no sɛ ɔnnyae, ɛfiri sɛ, ɔnka yɛn ho.”
39 Yesu kaa sɛ, “Monnsi no ɛkwan. Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a ɔreyɛ anwanwadeɛ wɔ me din mu na ɔbɛtwa ne ho atia me, 40  na obiara a ɔntia yɛn no wɔ yɛn afa. 41  Obiara a ɛsiane sɛ, moyɛ Kristo dea no enti, ɔbɛma mo nsuo kuruwa ma anom no, nʼakatua remmɔ no da.
42  “Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me di yi mu bi suntidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɛboɔ duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, ato no atwene ɛpo mu. 43  Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ nkwa mu sene sɛ, wode wo onipadua nyinaa bɛto amanehunu ogya 44  a ɛnnum da no mu. 45  Na sɛ wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu sene sɛ, wode nan mmienu bɛkɔ amanehunu ogya 46  a ɛnnum da no mu.” 47  Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto amanehunu ogya mu, 48  baabi a
“ ‘ogya no ɛnnum da,
na ɛhɔ asonsono nso nwu da.’
49  Na wɔde ogya bɛhyɛ wɔn nyinaa nkyene.
50  “Nkyene yɛ dɛ, nanso sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛho nni mfasoɔ; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti, monnyera mo dɛ! Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoeɛ mu.”