14
Yohane Osubɔni Kum
Ɛberɛ no mu ara na Herode a na ɔdi ɔhene wɔ Galilea no tee Yesu nka. Ɔtee Yesu nka no, deɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ ne sɛ, “Ɛnyɛ obiara sɛ Yohane Osubɔni na wasɔre afiri awufoɔ mu. Yei enti na wanya tumi foforɔ de reyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ yi.”
Saa ɛberɛ no na Herode ama wɔakyere Yohane Osubɔni ato afiase, ɛfiri sɛ, na wakasa atia Herodia ne Herode awadeɛ no sɛ, Herode aware ne nua Filipo yere. Herode pɛɛ sɛ ɔkum Yohane. Nanso na ɔsuro sɛ, sɛ ɔkum no a, basabasa bɛba ɔman no mu. Ɛfiri sɛ, na nnipa no nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.
Ɛbaa sɛ na Herode redi nʼawoda. Awoda no ase Herodia babaa bɛsa ma ɛyɛɛ Herode fɛ. Yei maa Herode kaa ntam, hyɛɛ no bɔ sɛ, ɔmmisa deɛ ɔpɛ biara na ɔde bɛma no. Ababaawa yi maame Herodia tuu no fo sɛ, “Mmisa biribiara, gye sɛ Yohane ti a wɔatwa ato prɛte mu.” Herode tee asɛm yi no, ɛyɛɛ no ya, ma ɛhaa no. Nanso, ɛsiane ntam a waka wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no anim no enti, ɔhyɛ ma wɔyɛɛ deɛ ababaawa no hwehwɛ no maa no. 10 Herode soma ma wɔkɔtwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ. 11 Wɔde ti a wɔatwa no too prɛte mu de brɛɛ ababaawa no maa ɔde kɔmaa ne maame. 12 Yohane asuafoɔ no bɛfaa nʼamu no kɔsiee no. Yei akyi, wɔkɔbɔɔ Yohane wuo no ho amaneɛ kyerɛɛ Yesu.
Yesu Ma Nnipa Mpemnum Aduane
13 Yesu tee Yohane Osubɔni wuo no, ɔtee ne ho kɔtenaa baabi a obiara nni hɔ. Nnipa tee ne nka maa wɔnam fam firi wɔn nkuro ne wɔn nkuraaseɛ tii no kɔɔ deɛ ɔwɔ hɔ. 14 Yesu firii kodoɔ no mu baa deɛ nnipa no wɔ hɔ no. Ɔhunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Yei ma ɔsaa ayarefoɔ a wɔwɔ wɔn mu no yadeɛ.
15 Anim rebiribiri no, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ asa awie. Aduane biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kuro biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduane ntɔ nni wɔ nkuro no bi so.”
16 Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduane nni!”
17 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ yɛwɔ nyinaa yɛ burodo enum ne mpataa mmienu pɛ.”
18 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa mmrɛ me.” 19 Afei, ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so. Ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ, hyiraa aduane no so. Afei, ɔbubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no. 20 Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu. 21 Mmarima a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnum a mmaa ne mmɔfra nka ho.
Yesu Nante Nsuo Ani
22 Nnipadɔm no didi wieeɛ pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔntena kodoɔ no mu nni ɛkan ntwa nkɔ asuogya nohoa na ɔno deɛ, ɔretena hɔ agya nnipa no kwan. 23 Ɔgyaa wɔn ɛkwan wieeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ bi so kɔbɔɔ mpaeɛ. Onwunu dwoeɛ no, na aka Yesu nko ara wɔ deɛ ɔwɔ hɔ. 24 Saa ɛberɛ no, na kodoɔ a na asuafoɔ no te mu no aduru akyiri. Mframa hyɛɛ aseɛ bɔɔ denden maa ɛpo no bɔɔ asorɔkye dweradweraa kodoɔ no a na asuafoɔ no te mu no.
25 Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan berɛ mu no, Yesu nam ɛpo no ani baa asuafoɔ no nkyɛn. 26 Ɛberɛ a asuafoɔ no hunuu obi sɛ ɔnam nsuo no ani reba wɔn nkyɛn no wɔsuroeɛ, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman. Ɛmaa wɔde ehu teateaam.
27 Ntɛm ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me a. Monnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!”
28 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka kyerɛ me, na me nso memfa nsuo no ani mmra wo nkyɛn.”
29 Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Bra!”
Petro firii kodoɔ no mu sii nsuo no ani, nantee sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. 30 Nanso, ɔhunuu mframa a ɛrebɔ no, ne ho popoeɛ. Ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔremem. Ɔteateaam, frɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, gye me na meremem!”
31 Ɛhɔ ara, Yesu tenee ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro sɛ, “Wo a wo gyidie sua, adɛn na wonnye me nnie?”
32 Yesu ne Petro kɔtenaa kodoɔ no mu no, mframa no gyaee bɔ. 33 Asuafoɔ a wɔwɔ kodoɔ no mu no de ahodwirie bɛkotoo Yesu kaa sɛ, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!”
Genesaret Ayaresa
34 Wɔtwaa asuo no baa Genesaret. 35 Yesu duruu hɔ no, ankyɛre na nkuro a atwa Genesaret ho ahyia no nyinaa tee ne nka. Wɔde wɔn ayarefoɔ nyinaa brɛɛ no. 36 Ayarefoɔ no srɛɛ Yesu sɛ, ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatadeɛ ano kɛkɛ. Ayarefoɔ dodoɔ a wɔtumi de wɔn nsa kaa nʼatadeɛ ano no ho yɛɛ wɔn den.