15
Ahoteɛ
Ɛda bi, Farisifoɔ ne Yudafoɔ mpanin no bi firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni Yudafoɔ amanneɛ so? Yɛn amanneɛ a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wɔnni so.”
Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mo nso mode mo amanneɛ no bu Onyankopɔn mmaransɛm so? Ebi ne sɛ, Onyankopɔn mmara no ka sɛ, ‘Di wʼagya ne wo maame ni,’ na baako nso ne sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa nʼawofoɔ ho no, ɛsɛ sɛ wɔkum no,’ Na mo deɛ, deɛ moka ne sɛ, sɛ obi ka kyerɛ ne maame anaa nʼagya sɛ, ‘Mewɔ adeɛ bi a anka mɛtumi de aboa mo, nanso mede rekɔma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ bɔne. Enti, mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ sɛ di wʼagya ne wo maame ni no so. Mo nyaatwomfoɔ! Sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:
“ ‘Saa nnipa yi ka sɛ wɔdi me ni,
nanso wɔn akoma mmɛn me.
Wɔsom me ani so kɛkɛ,
ɛfiri sɛ, wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.’ ”
10 Afei, Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie deɛ meka no na mommɔ mmɔden nte aseɛ. 11  Ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho nte, na mmom, deɛ ɛbɛfiri ne mu aba no na ɛgu ne ho fi.”
12 Nsɛm a Yesu kaeɛ yi maa nʼasuafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wonim sɛ wo nsɛm a wokaeɛ no ama Farisifoɔ no bo afu?”
13 Yesu buaa wɔn sɛ, “Dua biara a ɛnyɛ mʼagya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu atwene. 14  Mommmua wɔn koraa! Na wɔyɛ anifirafoɔ a wɔrekyerɛ anifirafoɔ ɛkwan enti wɔn nyinaa bɛkɔ akɔte ahwe amena mu.”
15 Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛ yɛn ɛbɛ no ase.”
16 Yesu nso bisaa no sɛ, “Ampa ara sɛ monte aseɛ? 17  Monnim sɛ adeɛ a ɛfa onipa anom no fa onipadua no mu na asane aba bio? 18  Asɛm a ɛho nteɛ biara firi akoma a emu nteɛ mu ma ɛgu deɛ ɔkaa saa asɛm no ho fi. 19  Akoma mu na adwemmɔne, awudie, ayerefasɛm, adwamammɔ, korɔno, atorɔ ne ntwatosoɔ firi. 20  Yeinom na ɛgu onipa ho fi. Nanso, sɛ obi anhohoro ne nsa sɛdeɛ mo amanneɛ teɛ no na ɔdidi a, ne ho nguu fi honhom mu.”
Ɔbaa Bi Gyidie
21 Yesu firii ɔman no mu hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon. 22 Kanaanni baa bi a ɔte ɔman no mu hɔ de su baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yera no.”
23 Yesu anka hwee. Nʼasuafoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbaa no mfiri hɔ. Wɔtii mu ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Ka kyerɛ no na ɔmfiri ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso.”
24 Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Wɔsomaa me sɛ memmɛboa Yudafoɔ, Israel nnwan a wɔayera no, na ɛnyɛ amanamanmufoɔ.”
25 Ɔba bɛkotoo no kɔɔ so srɛɛ no sɛ, “Me wura, boa me!”
26 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnyɛ sɛ wɔbɛgye burodo afiri mmɔfra nsam ato ama nkraman.”
27 Ɔbaa no nso buaa sɛ, “Ɛwom saa deɛ, nanso nkraman no nso tumi di mporoporowa a ɛfiri wɔn wura no ɛpono so gu fam no.”
28 Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Ɔbaa, wo gyidie mu yɛ den. Mɛyɛ wʼabisadeɛ ama wo.” Ɛhɔ ara, ne babaa no ho tɔɔ no.
Yesu Sa Nyarewa Ahodoɔ
29 Yesu sane baa Galilea ɛpo no ho. Ɔforo kɔtenaa bepɔ bi so. 30 Nnipa bebree de mpakye, anifirafoɔ, apirafoɔ, mumu ɛnna wɔn a wɔyare nyarewa ahodoɔ baa ne nkyɛn sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ, ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. 31 Anwanwasɛm ni! Wɔn a wɔnkasaa da kasaeɛ; mpakye nyaa ahoɔden; na mmubuafoɔ nanteeɛ, hurihuriiɛ na anifirafoɔ hunuu adeɛ. Nnipadɔm no ho dwirii wɔn ma wɔkamfoo Israel Onyankopɔn.
Nnipa Mpemnan Aduanema
32 Afei Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi me nkyɛn ha nnansa. Aduane a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ sɛ mema wɔkɔ wɔn afie mu a wɔnnidiiɛ, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ bera wɔ ɛkwan so.”
33 Nʼasuafoɔ no nso bisaa no sɛ, “Ɛserɛ so ha deɛ, ɛhe na yɛbɛnya nnipadɔm yi ano aduane?”
34 Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Burodo dodoɔ bɛn na mowɔ?”
Wɔbuaa sɛ, “Yɛwɔ burodo nson ne mpataa kakraa bi.”
35 Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔn nyinaa tenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so. 36 Afei ɔfaa burodo nson no ne mpataa no, hyiraa so na ɔbubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔmfa mma nnipadɔm no nni. 37 Wɔn nyinaa dii aduane no mee pintinn. 38 Wɔn a wɔdii saa aduane no, na wɔn dodoɔ yɛ nnipa mpemnan a wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho. Wɔdidi wieeɛ no, akyire mporoporowa a wɔtaseeɛ no yɛɛ nkɛntɛmma nson. 39 Yei akyi, Yesu gyaa nkurɔfoɔ no kwan, ma ɔno nso kɔtenaa kodoɔ mu tware kɔɔ Magadan.