19
Awaregyaeɛ
Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔkɔɔ Galilea. Ɔfiri Galilea no, ɔtwaa Asubɔnten Yordan baa Yudea. Nnipadɔm tu dii nʼakyi, ma ɔsaa wɔn yadeɛ.
Farisifoɔ bi ba bɛbisaa no nsɛm bi pɛɛ sɛ wɔnam wɔn nsɛmmisa no so ma ɔka asɛm bi a ɛde no bɛkɔ sɔhwɛ mu. Wɔbisaa no sɛ, “Wopene awaregyaeɛ so anaa?”
Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Gyama monkenkan Atwerɛ Kronkron no? Wɔatwerɛ wɔ mu sɛ, ‘Mfitiaseɛ no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa! Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’ Na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam korɔ. Enti, deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tete mu.”
Farisifoɔ no kɔɔ so bisaa no sɛ, “Adɛn enti na Mose kaa sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere a ɔtumi twerɛ no krataa kɛkɛ, de gyaa no?”
Yesu buaa wɔn sɛ, “Esiane sɛ na mo akoma apirim no enti na Mose maa awaregyaeɛ ho kwan, na ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn hyehyɛeɛ. Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbɛsane aware ɔbaa foforɔ no asɛe awadeɛ.”
10 Yesu asuafoɔ no kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware.”
11 Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛnyɛ obiara na ɔbɛtumi agye asɛm yi atom, agye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara. 12  Nnipa bi wɔ hɔ a wɔnni mmarimayɛ mu ahoɔden firi awoɔ mu, ebinom nso nnipa na wɔyɛɛ wɔn saa; ebinom nso ɔsoro Ahennie no enti, wɔpo awadeɛ. Obiara a ɔbɛtumi no, nni mʼasɛm a maka yi so.”
Yesu Hyira Mmɔfra Nkumaa
13 Wɔde mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpaeɛ mma wɔn. Nanso, asuafoɔ no kaa wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no anim.
14 Yesu kaa sɛ, “Momma mmɔfra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Ɔsoro Ahennie yɛ wɔn dea.” 15 Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefiri hɔ akɔ.
Aberanteɛ Sikani No
16 Ɛda bi aberanteɛ bi baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?”
17 Yesu buaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa me deɛ ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako pɛ na ɔyɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu deɛ a, di mmaransɛm no so.”
18 Aberanteɛ no nso bisaa no sɛ, “Mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he?”
Yesu buaa no sɛ, “Nni awu. Nsɛe awadeɛ. Mmɔ korɔno. Nni atorɔ. 19  Di wʼagya ne wo maame ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”
20 Aberanteɛ no nso kaa sɛ, “Medi yeinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei, menyɛ ɛdeɛn?”
21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wobɛnya afiri mu no ma ahiafoɔ. Ɛno ansa na wobɛnya ademudeɛ wɔ ɔsoro. Afei bɛdi mʼakyi.”
22 Esiane sɛ na saa aberanteɛ yi wɔ ahonyadeɛ bebree enti, ɔtee saa nsɛm yi no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ.
23 Afei, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahennie no mu. 24  Meka meti mu bio sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛwura paneɛ aniwa mu sene sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu!”
25 Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn adwenem yɛɛ wɔn nnaa. Wɔbisaa sɛ, “Na ɛnneɛ hwan na ewiase ha wɔbɛgye no nkwa?”
26 Yesu hwɛɛ wɔn buaa sɛ, “Onipa fa mu deɛ, ɛyɛ den; na Onyankopɔn fa mu deɛ, ɛyɛ mmerɛ.”
Ahopakyire
27 Petro nso kaa sɛ, “Yɛagya biribiara hɔ abɛdi wʼakyiri; na ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya afiri wʼakyiridie no mu?”
28 Yesu buaa sɛ, “Me, Agyenkwa no, metena mʼanimuonyam ahennwa no so a, nokorɛm mo mʼasuafoɔ yi nso bɛtena ahennwa dumienu no so na moabu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn. 29  Na obiara a ɔbɛgya ne efie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, nʼagya, ne maame, ne yere, ne mma anaa nʼagyapadeɛ abɛdi mʼakyi no, ɔbɛnya no ɛho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a ɛnni awieeɛ nso. 30  Na wɔn a wɔdi ɛkan no mu pii bɛdi akyire, na wɔn a wɔdi akyire no nso mu bi abɛdi ɛkan.”