20
Afuom Adwumayɛfoɔ Ho Abɛbuo
Yesu sane buu wɔn ɛbɛ foforɔ bi sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ okuafoɔ bi a ɔfirii adi anɔpa bi, sɛ ɔrekɔhwehwɛ nnipa abɔ wɔn paa. Ne nsa kaa apaafoɔ no, ɔne wɔn hyehyɛɛ sɛ ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua.
“Ankyɛre ɔfirii adi bio kɔhunuu nnipa bi nso, sɛ wɔgyinagyina hɔ a wɔnyɛ hwee na wɔrehwehwɛ obi ama wabɔ wɔn paa. Ɔfaa wɔn nso de wɔn kɔɔ nʼafuo no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso sɛ, ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua.
“Ɔsane kɔɔ owigyinaeɛ ne nnɔnmiɛnsa ɛberɛ mu kɔbɔɔ nnipa foforɔ paa ne wɔn yɛɛ nhyehyɛeɛ korɔ no ara bi. Ɔsane firii adi bɛyɛ nnomum berɛ mu, kɔhunuu sɛ nnipa bi gyinagyina hɔ. Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na ɛda mu yi nyinaa mogyinagyina ha a monyɛ hwee?’
“Wɔyii ano sɛ, ‘Obi mmɛbɔɔ yɛn paa.’
“Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnneɛ monkɔka apaafoɔ a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuom no ho.’
“Ɛduruu anwummerɛ no, ɔfrɛɛ deɛ ɔtua nʼapaafoɔ no ka no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Hwɛ na tua wɔn ka, firi wɔn a wɔbaa akyire no so kɔsi wɔn a wɔbaa kane no so.’
“Apaafoɔ a ɔfaa wɔn akyire no nyinaa, ɔtuaa wɔn ɛda koro apaabɔdeɛ. 10  Wɔn a wɔfaa wɔn kane no nso baeɛ. Wɔsusuu sɛ wɔbɛnya sika a ɛboro wɔn a ɔfaa wɔn akyire no deɛ no so. Nanso, wɔn nso, ɔtuaa wɔn sɛdeɛ ɔtuaa wɔn a wɔbaa akyire no ara pɛ. 11  Wɔn nsa kaa wɔn apaabɔdeɛ no, anyɛ wɔn dɛ. 12  Wɔka kyerɛɛ afuowura no sɛ, ‘Nnipa a wɔbaa akyire no yɛɛ adwuma dɔnhwereɛ baako pɛ, nso yɛn a yɛyɛɛ adwuma firi anɔpa ma owia hyee yɛn no, womaa yɛne wɔn nyinaa akatua pɛ.’
13  “Ɔbuaa wɔn mu baako sɛ, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne biara. Me ne wo anni ano sɛ, mɛma wo ɛda koro adwuma so akatua anaa? 14  Fa sika a wo nsa aka no na kɔ. Ɛfiri me pɛ mu na meretua wɔn a wɔbaa kane ne wɔn a wɔbaa akyire no nyinaa ka pɛ. 15  Mmara bi si me ho ɛkwan sɛ mede me sika yɛ deɛ mepɛ? Anaasɛ mʼayamyɛ enti na wʼani abere yi?’
16  “Asɛm a Yesu ka de wieeɛ ne sɛ, ‘Saa ara na wɔn a wɔdi akyire no bɛdi ɛkan, na wɔn a wɔdi ɛkan no nso bɛdi akyire.’ ”
Yesu Hyɛ Ne Owuo Ho Nkɔm Bio
17 Yesu siim sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔde nʼasuafoɔ no kaa ne ho. 18 Wɔrekɔ no, ɔtwee nʼasuafoɔ no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛrekɔ Yerusalem. Wɔbɛyi me ama asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ, na wɔabu me kumfɔ. 19  Wɔde me bɛhyɛ Roma aban nsa, na wɔadi me ho fɛw, abɔ me asɛnnua mu, na ne nnansa so no, mɛsɔre afiri awufoɔ mu.”
Maame Bi Abisadeɛ
20 Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn maame baa Yesu nkyɛn. Ɔbaa yi de adesrɛdeɛ bi bɛtoo Yesu anim.
21 Yesu bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ menyɛ mma woɔ?”
Ɔbuaa no sɛ, “Mepɛ sɛ, sɛ wokɔ wʼahennie mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so.”
22 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wonnim deɛ worebisa no.” Afei, ɔdanee ne ho bisaa Yakobo ne Yohane sɛ, “Mobɛtumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi anaa?”
Wɔbuaa no sɛ, “Yɛbɛtumi!”
23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me kuruwa ano deɛ, mobɛtumi anom, nanso menni tumi sɛ meyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no wɔ hɔ ma wɔn a mʼagya ayi wɔn no.”
24 Asuafoɔ edu a aka no tee deɛ Yakobo ne Yohane akɔbisa no, wɔn bo fuiɛ. 25 Yesu frɛɛ wɔn nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim sɛ ahene ne atumfoɔ di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so. Saa ara nso na wɔn a wɔdi wɔn so no nso di afoforɔ so. 26  Nanso, mo deɛ, ɛnte saa wɔ mo mu. Mmom, obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo ɔsomfoɔ. 27  Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkannifoɔ wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa. 28  Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomoeɛ, na ɔde ne ɔkra too hɔ sɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa.”
Anifirafoɔ Baanu Hunu Adeɛ
29 Yesu ne nʼasuafoɔ firi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi. 30 Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifirafoɔ baanu bi teteɛ. Anifirafoɔ yi tee sɛ Yesu retwam no, wɔteateaam sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!”
31 Nnipadɔm a wɔdi Yesu akyi no teateaa wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano. Nanso, anifirafoɔ no kɔɔ so teateaam sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!”
32 Yesu duruu deɛ wɔteteɛ hɔ no, ɔgyina, bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”
33 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, yɛpɛ sɛ yɛhunu adeɛ!”
34 Anifirafoɔ no yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na prɛko pɛ, wɔhunuu adeɛ, na wɔdii nʼakyi.