22
Ayeforɔhyia Apontoɔ Ho Ɛbɛ
Yesu de mmɛbuo ahodoɔ kyerɛɛ sɛdeɛ Ɔsoro Ahennie no teɛ. Ɔse, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ɔhene bi a ne babarima hyiaa ayeforɔ na ɔtoo pon maa no. Ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Ɛberɛ no duruiɛ no, ɔsomaa nʼasomfoɔ sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ nnipa no na wɔmmra. Nanso, nnipa no amma.
“Ɔsane somaa nʼasomfoɔ foforɔ sɛ, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwie ne me nyɛmmoa de anoa aduane awie. Mommra ayeforɔ no ase mmɛdidi!’
“Nanso, ne ho yɛɛ wɔn a ɔtoo nsa frɛɛ wɔn no sere. Obiara kɔdii ne dwuma. Obi kɔɔ nʼafuom. Ɔfoforɔ nso kɔdii ne dwa. Afoforɔ nso kyeree nʼasomfoɔ no hwee wɔn, pirapiraa wɔn, kunkumm ebinom nso. Ɔhene no tee deɛ nnipa no ayɛ nʼasomfoɔ no, ne bo fuiɛ. Ɔsomaa nʼasraafoɔ ma wɔkɔkunkum awudifoɔ no, hyee wɔn kuro no pasaa.
“Ɔsane frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Wɔawie ayeforɔ aduane no. Nanso, wɔn a mefrɛɛ wɔn no mfata sɛ wɔba apontoɔ no ase. Enti, monkɔ mmɔntene so na obiara a mobɛhunu no no, momfrɛ no mmra apontoɔ no ase.’ 10  Asomfoɔ no firii adi kɔɔ mmɔntene so kɔfrɛɛ nnipa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne, maa ɛdan a wɔtoo ɛpono wɔ mu no yɛɛ ma.
11  “Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ɔhunuu obi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ. 12  Ɔbisaa no sɛ, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ, na wotumi baa ha?’ Nanso, damfo no antumi ammua.
13  “Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔto no ntwene akyirikyiri esum mu, deɛ esu ne agyaadwoɔ wɔ no.’
14  “Wɔafrɛ bebree, nanso kakra bi na wɔayi wɔn.”
Ɛtoɔ Yie Ho Asɛmmisa
15 Farisifoɔ no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɛkwan bi a wɔnam nʼanom asɛm so bɛnya no akyere no. 16 Wɔsii no gyinaeɛ sɛ, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefoɔ aba Yesu nkyɛn abɛbisa no sɛ, “Owura, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wonam nokorɛ kwan so kyerɛ nnipa ɛkwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wonsuro akyire asɛm, ɛfiri sɛ, wonhwɛ nnipa anim. 17 Ka ma yɛntie. Ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare anaa ɛnyɛ?”
18 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyaatwomfoɔ! Adɛn enti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ? 19  Momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me.” Wɔde bi kyerɛɛ no. 20 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Hwan mfoni na ɛda so, na hwan din nso na ɛwɔ so?”
21 Wɔbuaa sɛ, “Kaesare.”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ, momfa Kaesare deɛ mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”
22 Ne mmuaeɛ a ɔmaa wɔn no maa wɔn ho dwirii wɔn ma wɔgyaa no hɔ kɔeɛ.
Owusɔreɛ Ho Asɛmmisa
23 Ɛda no ara, Sadukifoɔ a wɔnnye owusɔreɛ nni no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, 24 “Owura, Mose kaa sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi anwo na ɔwu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabaa na ɔne no nwo mma owufoɔ no. 25 Anuanom baason bi ne yɛn tenaa ha. Ɔpanin no wareeɛ a wanwo ba na ɔwuiɛ. Enti, ne nua a ɔtɔ so mmienu no faa ne yere no kunabaa. 26 Deɛ ɔtɔ so mmienu no nso wuiɛ, maa deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no faa ɔbaa no kunabaa. Ɔno nso wuiɛ a wanwo ba, maa ɔfoforɔ nso faa ɔbaa no kunabaa. Yei toaa so ara kɔsii sɛ anuanom baason no nyinaa waree ɔbaa no. 27 Deɛ ɛdi akyire ne sɛ, ɔbaa no nso wuiɛ. 28 Ɛno enti, owusɔreberɛ no, nnipa baason yi mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa waree no!’ ”
29 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mfomsoɔ a moayɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ no! 30  Na owusɔreberɛ no, awadeɛ nni hɔ; obiara bɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no. 31  Afei, ɛfa owusɔreɛ no ho no nso, monnkanee deɛ Onyankopɔn aka afa ho no pɛn? Monhunu sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ mo ɛberɛ a ɔkaa sɛ, 32  ‘Mene Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn no?’ Yei kyerɛ sɛ. Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Onyankopɔn na mmom, ateasefoɔ Onyankopɔn.”
33 Nnipadɔm no tee ne nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa.
Mmaransɛm No Mu Kɛseɛ Pa Ara
34 Farisifoɔ no tee sɛ Yesu abu afa Sadukifoɔ no so no, wɔkɔhyiaa Yesu. 35 Wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ bisaa Yesu sɛ, 36 “Owura, Mose mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he koraa na ɛkyɛn ne nyinaa?”
37 Yesu buaa no sɛ, “ ‘Dɔ Awurade, wo Onyankopɔn, wʼakoma nyinaa mu ne wo ɔkra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu.’ 38  Yei ne mmaransɛm no mu deɛ ɛdi ɛkan na ɛkyɛn ne nyinaa. 39  Deɛ ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno ara: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ 40  Mose mmaransɛm ne adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina saa mmaransɛm mmienu yi so.”
Hwan Ba Ne Agyenkwa No?
41 Farisifoɔ no twaa Yesu ho hyiaeɛ no, ɔbisaa wɔn sɛ, 42  “Ɛdeɛn na mowɔ ka wɔ Agyenkwa no ho? Hwan ba ne no?”
Wɔbuaa no sɛ, “Dawid Ba.”
43 Yesu bisaa wɔn sɛ “Ɛnneɛ, adɛn na Dawid nam Honhom Kronkron so frɛ no ‘Awurade’? Ɛfiri sɛ, Dawid kaa sɛ,
44  “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ,
“Tena me nifa
kɔsi sɛ mɛma woadi
wʼatamfoɔ nyinaa so.” ’
45  Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?” 46 Obiara antumi ammua. Yei akyi nso, obiara antumi ammisa no nsɛm bio.