21
Yesu Kɔ Yerusalem
Aka kakra na Yesu ne nʼasuafoɔ no aduru Yerusalem no, wɔbɛnee kuro bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔ no so hɔ no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu sɛ, wɔnni ɛkan nkɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu sɛ wɔasa afunumu bi ne ne ba ahoma. Monsane wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me. Sɛ obi bisa mo sɛ ɛdeɛn na moreyɛ a, monka nkyerɛ onipa ko no sɛ, ‘Wɔn ho hia Awurade,’ na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba.”
Wɔyɛɛ yei hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka sɛ,
“Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ
wo ɔhene reba wo nkyɛn.
Ɔdwo, na ɔte afunumu ne,
afunumu ba so,” no mu den.
Asuafoɔ baanu no yɛɛ deɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no. Wɔde mmoa no brɛɛ no no, wɔde wɔn ntoma sesɛɛ afunumu no so, maa Yesu tenaa ne so. Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara. Ɛdɔm no tu teneeɛ de osebɔ teateaam sɛ,
“Hosiana Dawid Ba!”
 
“Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.”
 
“Hosiana wɔ ɔsoro nohoa!”
10 Ɛberɛ a ɔduruu Yerusalem no, kuro no nyinaa bɔɔ twi. Ɛhɔfoɔ no bisaa sɛ, “Na hwan ni?”
11 Nnipadɔm no buaa sɛ, “Ɛyɛ Yesu, Odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no.”
Yesu Kɔ Asɔrefie
12 Yesu firii hɔ no, ɔkɔɔ asɔrefie. Ɔduruu hɔ no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu apata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa guiɛ. 13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Mʼasɔrefie yɛ beaeɛ a wɔbɔ mpaeɛ.’ Nanso, mo deɛ, mode hɔ ayɛ akorɔmfoɔ atenaeɛ.”
14 Afei anifirafoɔ ne mmubuafoɔ baa ne nkyɛn wɔ asɔrefie hɔ ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. 15 Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi hunuu anwanwadeɛ yi na wɔtee nso sɛ mmɔfra nkumaa a wɔwɔ asɔrefie hɔ reteateam sɛ, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ.
16 Enti, wɔbisaa Yesu sɛ, “Wote nsɛm a mmɔfra no reka no anaa?”
Yesu buaa sɛ, “Aane. Na monkenkanee saa Atwerɛsɛm a ɛka sɛ,
“ ‘Mmɔfra ne nkɔkoaa mpo
de wɔn ano kamfo wo’ no da anaa?”
17 Afei, ɔfirii hɔ sane kɔɔ Betania kɔdaa hɔ.
Yesu Dome Borɔdɔma Dua Bi
18 Adeɛ kyee anɔpa a ɔresane akɔ Yerusalem no, ɛkɔm dee no. 19 Ɔhunuu sɛ borɔdɔma dua bi si ɛkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ borɔdɔma no bi wɔ so, nanso ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ nhahan nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!” Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wuiɛ.
20 Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafoɔ no nwanwa ma wɔbisaa no sɛ, “Na ɛyɛɛ ɛdeɛn enti na borɔdɔma dua no so nhahan poroo ntɛm saa?”
21 Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Nokorɛm, sɛ mowɔ gyidie a ɛnhinhim a, mobɛtumi ayɛ ade korɔ yi ara bi, anaa deɛ ɛkyɛn saa mpo. Anka mobɛtumi aka akyerɛ Ngo Bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu’, na ɛbɛtutu akɔgu mu nso. 22  Biribiara a mode gyidie bɛbisa wɔ mpaeɛbɔ mu no, mo nsa bɛka.”
Yesu Tumi Ho Asɛmmisa
23 Yesu sane kɔɔ asɔrefie hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne kyɛn bɛbisaa no tumi ko a ɔgyina so pamoo adwadifoɔ ne sikasesafoɔ no firii asɔrefie hɔ no.
24 Yesu kaa sɛ, “Merebɛbisa mo asɛm baako bi, na mommua me ansa. 25  Onyankopɔn na ɔsomaa Yohane Osubɔni anaa ɛnyɛ ɔno?”
Wɔdwennwenee ho kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ ‘Ɛfiri Onyankopɔn’ a, wɔbɛbisa yɛn deɛ enti a yɛannye deɛ Yohane kaeɛ no annie? 26 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, ɛdɔm no bɛha yɛn ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”
27 Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne sɛ, “Yɛnnim!”
Ɛhɔ ara na Yesu nso kaa sɛ, “Sɛ monnim deɛ a, me nso meremmua mo.”
Mmammarima Baanu Ho Ɛbɛ
28 Yesu kaa sɛ, “Saa asɛm a merebɛka yi modwene ho sɛn? Ɔbarima bi wɔ mmammarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panin no sɛ, ‘Me ba, ɛnnɛ kɔ mʼafuom na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’
29  “Ne ba no kaa sɛ, ‘Merenkɔ,’ nanso akyire yi, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔeɛ.
30  “Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kaa sɛ, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ.
31  “Saa mmɔfra baanu yi mu hwan na ɔtie nʼagya asɛm?”
Wɔbuaa sɛ, “Ne ba panin no a.”
Afei, Yesu kyerɛɛ asɛm no ase sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ abɔnefoɔ ne nnwamanfoɔ bɛkɔ Ɔsoro Ahennie mu ansa na moakɔ. 32  Ɛfiri sɛ, Yohane baa mo nkyɛn sɛ ɔrebɛkyerɛ mo tenenee kwan, na moannye no anni. Nanso ɔtogyefoɔ ne nnwamanfoɔ gyee no diiɛ. Na mohunuu yei mpo no, moansakyera mo adwene, na moannye no anni.”
Apaafoɔ Ho Ɛbɛ
33 Yesu buu wɔn bɛ foforɔ bi sɛ, “Ɛda bi, ɔbarima bi a ɔwɔ bobefuo a wagye ban afa ho, na watu amena a wɔkyi nsã wɔ mu, de afuo no gyaa akuafoɔ bi. Yei akyi no, ɔtuu ɛkwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so. 34  Ɛduruu ɛberɛ a bobe no bereeɛ a ɛsɛ sɛ wɔteɛ no, ɔsomaa ne ho nnipa baa akuafoɔ no hɔ sɛ wɔmmɛgye ne kyɛfa mmrɛ no.
35  “Wɔduruu hɔ ara pɛ na akuafoɔ no to hyɛɛ nnipa no so, boroo ɔbaako, kum ɔbaako ɛnna wɔsii ɔbaako nso aboɔ. 36  Afei, ɔsane somaa nnipa a wɔn dodoɔ sene wɔn a ɔsomaa wɔn kane no sɛ wɔnkɔ akuafoɔ no nkyɛn, nanso asɛm korɔ no ara bi na ɛsiiɛ. 37  Yei akyi, ɔsomaa ɔno ankasa ne ba akuafoɔ no nkyɛn susuu sɛ, wɔde anidie bɛma no.
38  “Nanso, akuafoɔ no hunuu sɛ ne ba no afiti reba pɛ, wɔfaa ne ho adwene kaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no na ɔreba no; momma yɛnkum no, na yɛmfa afuo no!’ 39  Ɛhɔ ara, wɔtwee no firii afuo no mu, kɔkumm no too baabi.
40  “Sɛ afuowura no sane ba a, mogye di sɛ ɛdeɛn na ɔbɛyɛ saa akuafoɔ no?”
41 Yudafoɔ mpanin no buaa sɛ, “Ɔno nso bɛkum saa atirimuɔdenfoɔ no na ɔde afuo no ama akuafoɔ foforɔ a wɔde ne kyɛfa bɛma no ɛberɛ a ɛsɛ mu.”
42 Yesu bisaa wɔn bio sɛ, “Monkanee Twerɛsɛm no mu da sɛ,
“ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no
ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ.
Awurade na wayɛ yei,
na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’
43  “Deɛ mereka ara ne sɛ, wɔbɛgye Onyankopɔn Ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman foforɔ a wɔbɛbu nʼafudeɛ no ho nkonta pa akyerɛ no. 44  Wɔn a wɔbɛhwe saa botan yi so no mu bɛbubu, na deɛ nokorɛ no bɛhwe ne so no nso bɛpɛkyɛ.”
45 Ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no tee aseɛ sɛ Yesu asɛm a ɔreka no fa wɔn ho no, 46 wɔpɛɛ sɛ wɔyɛ no bɔne, nanso na wɔsuro ɛdɔm no ɛfiri sɛ, na wɔagye Yesu atom sɛ ɔyɛ Odiyifoɔ.