5
Nhyira Nsɛm
Ɔhunuu nnipakuo no saa no, ɔkɔɔ bepɔ bi so. Ɔtenaa ase no, nʼasuafoɔ no kɔɔ ne nkyɛn. Na ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ,
“Nhyira ne wɔn a wɔyɛ ahiafoɔ wɔ honhom mu,
na wɔn na ɔsoro ahennie yɛ wɔn dea.
Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ aho,
na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekyere wɔn werɛ.
Nhyira ne ahobrɛasefoɔ,
na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.
Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ,
na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn deɛ ɛhia wɔn.
Nhyira ne wɔn a wɔhunu mmɔbɔ,
na wɔn na Onyankopɔn bɛhunu wɔn mmɔbɔ.
Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ,
na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.
Nhyira ne apatafoɔ,
na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.
10  Nhyira ne wɔn a ɛsiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ enti, wɔtaa wɔn,
na wɔn na Ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea.
11  “Nhyira ne mo a me din mu enti, wɔya mo, taa mo, twa atorɔ, ka asɛmmɔne to mo so. 12  Momma mo ani nnye na monsɛpɛ mo ho, ɛfiri sɛ, mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Monhunu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii mo ɛkan no.
Nkyene Ne Kanea
13  “Mone asase yi so nkyene. Sɛ nkyene dɛ yera a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Ɛnyɛ mma hwee bio, gye sɛ wɔhwie gu na nnipa tiatia so.
14  “Mone ewiase kanea. Kuro a ɛda bepɔ so no ntumi nhinta. 15  Wɔnsɔ kanea mfa nsie, na mmom, wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ efie no mu no nyinaa. 16  Saa ara na momma mo nneyɛeɛ pa nna adi mma nnipa nhunu na wɔnam so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no animuonyam.
Mmara No Mu Den Hyɛ
17  “Monnsusu sɛ maba sɛ merebɛsɛe Mmara no anaa Adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no. Na mmom, maba sɛ merebɛhyɛ no ma sɛdeɛ ne nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ. 18  Monhunu sɛ ɔsoro ne asase da so wɔ hɔ yi, Mmara no mu biribiara rensakra da kɔsi sɛ ne nyinaa bɛba mu. 19  Yei enti, obiara a ɔbɛbu mmaransɛm no mu fa bi so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforɔ ama wɔn nso abu mmaransɛm no mu fa bi so no, ɔbɛyɛ akumaa ɔsoro ahennie mu. Na obiara a ɔbɛdi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforɔ ama wɔn nso adi mmara no soɔ no, ɔbɛyɛ kɛseɛ Ɔsoro Ahennie mu. 20  Enti, merebɔ mo kɔkɔ sɛ, sɛ mopɛ sɛ mokɔ ɔsoro ahennie mu deɛ a, gye sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ sene deɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ne Farisifoɔ no yɛ.
Abufuo Ho Mmara
21  “Mose mmara no ka sɛ, ‘Deɛ ɔdi awuo no, ɔno nso ɛsɛ sɛ wɔkum no bi.’ 22  Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ, obiara a ne bo bɛfu ne nua no, wɔbɛbu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛdi ne nua atɛm no, wɔbɛfrɛ no mpanin anim. Afei, obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua sɛ, ‘Ogyimifoɔ’ no, ɔbɛkɔ amanehunu ogya mu.
23  “Enti, sɛ ɛba sɛ worekɔbɔ afɔdeɛ na wokae sɛ wo ne wo nua wɔ asɛm a, 24  gyae afɔdeɛ no bɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom ansa na woakɔbɔ wʼafɔdeɛ no.
25  “Sɛ wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm, na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ ankɔma ɔtemmufoɔ, na ɔtemmufoɔ no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfoɔ nsa, na afiasehwɛfoɔ no amfa wo ankɔto afiase. 26  Sɛ ɔde wo kɔ ɔtemmufoɔ anim a, kae sɛ, ansa na wobɛfiri asɛnniiɛ hɔ no, gye sɛ woatua sika biara a wɔregye afiri wo hɔ no.
Adwamammɔ
27  “Mose mmara no ka sɛ, ‘Nsɛe awadeɛ.’ 28  Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Obiara a ɔhunu ɔbaa na ne kɔn dɔ no nʼakoma mu no, abɔ adwaman. 29  Sɛ wʼani baako a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ sɛ wobɛtu ato atwene. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene sɛ wɔbɛto wo onipadua no nyinaa atwene amanehunu ogya mu. 30  Saa ara nso na sɛ wo nsa a ɛyɛ to wo suntidua a, ɛyɛ sɛ wobɛtwa ato atwene ɛfiri sɛ, ɛyɛ sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sene sɛ wɔbɛto wo onipadua nyinaa atwene amanehunu ogya mu.
Awaregyaeɛ
31  “Mose mmara no ka sɛ, ‘Obiara a ɔbɛgyaa ne yere no mma no awaregyaeɛ krataa.’ 32  Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ, sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbaa no sane kɔware bio a, na ɔbarima a ɔgyaee no no ama ɔbaa no asɛe awadeɛ. Ɔbarima foforɔ a ɔbɛware ɔbaa no nso asɛe awadeɛ saa ara.
Ɔkasa Mu Nokorɛdie
33  “Bio, Mose mmara no ka sɛ, ‘Mmu bɔ a woahyɛ Onyankopɔn no so, na mmom, di bɔ a woahyɛ no no so.’ 34  Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Monnka ntam mfa nhyɛ bɔ. Monnnɔ ɔsoro, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn ahennwa. 35  Monnnɔ fam, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn nan ase adwa. Monnnɔ Yerusalem, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɔhenkɛseɛ kuropɔn. 36  Mfa wo tiri nka ntam, ɛfiri sɛ, worentumi nnane tirinwi baako mpo mma ɛnyɛ fitaa anaa tuntum. 37  Momma mo nsɛm nyɛ ‘Aane’ anaa ‘Dabi.’ Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ aane anaa dabi no firi ɔbonsam.
Aweretɔ
38  “Mose mmara no ka sɛ, ‘Sɛ obi tu wʼani a, tu ne deɛ bi. Sɛ obi tu wo se nso a, tu ne deɛ bi.’ 39  Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: Mommfa bɔne ntua bɔne so ka! Sɛ obi bɔ wʼaso nifa mu a, dane benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu. 40  Sɛ obi ne wo di asɛm gye wʼatadeɛ nhyɛaseɛ a, worɔ wʼatadeɛ nkatasoɔ ka ho ma no. 41  Sɛ obi hyɛ wo sɛ, wo ne no nnante kwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansini mmienu. 42  Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no; obi pɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ biribi a, fa fɛm no.
Dɔ Wʼatamfoɔ
43  “Moate sɛ wɔaka sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko, na tane wʼatamfoɔ.’ 44  Na me deɛ, deɛ mereka ne sɛ: monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔha mo. 45  Yei bɛma mo ayɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mma, ɛfiri sɛ, ɔma nʼawia pue, ma ne nsuo tɔ ma nnipa bɔne ne nnipa pa nyinaa pɛ. 46  Sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, akatua bɛn na mobɛnya? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfoɔ nso yɛ? 47  Sɛ mokyea wɔn a monim wɔn nko ara a, nsonsonoeɛ bɛn na ɛda mo ne afoforɔ ntam? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfoɔ nso yɛ? 48  Enti monyɛ pɛ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ pɛ no.