6
Papayɛ Ho Kɔkɔbɔ
“Monhwɛ yie na moanyɛ papa ankyerɛ nnipa, amfa ampɛ animuonyam. Sɛ moyɛ saa a, morennya mfasoɔ biara mfiri mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nkyɛn.
“Sɛ woyɛ papa a, mmɔ no dawuro sɛdeɛ nyaatwomfoɔ yɛ wɔ asɔredan mu ne mmɔntene so no. Merema mo ate sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada. Sɛ woyɛ papa a, mma obiara nhunu, mpo sɛ wode wo nsa nifa yɛ papa a, mma wo nsa benkum nhunu, na wʼagya a ɔnim kɔkoam nsɛm nyinaa no bɛtua wo ka.
Mpaeɛbɔ Ho Kɔkɔbɔ
“Ɛfa mpaeɛbɔ ho nso, sɛ morebɔ mpaeɛ a, mommmɔ mpaeɛ sɛdeɛ nyaatwomfoɔ gyina asɔredan mu ne mmɔntene so bɔ mpaeɛ de pɛ nnipa anim animuonyam no. Merema mo ate aseɛ sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada. Sɛ wobɔ mpaeɛ a, hɔ wo dan mu, na to wo ɛpono mu, na bɔ wʼAgya a wɔnhunu no mpaeɛ, na wʼAgya a ɔnim kɔkoam nsɛm no bɛtua wo ka. Sɛ mobɔ mpaeɛ a, monnkasakasa bebree ntiti nsɛm mu, nsusu sɛ, sɛ moyɛ saa a na Onyankopɔn bɛtie mo. Mo Agya Onyankopɔn nim deɛ ɛhia mo nyinaa ansa na mobisa no.
“Enti, saa ɛkwan yi so na momfa mmɔ mpaeɛ:
“ ‘Yɛn Agya a wowɔ ɔsoro,
wo din ho nte.
10  Wʼahennie mmra.
Deɛ wopɛ nyɛ hɔ wɔ asase so,
sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ɔsoro.
11  Ma yɛn yɛn daa aduane ɛnnɛ,
12  na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn,
sɛdeɛ yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no.
13  Mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu.
Na yi yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam.’
14  Sɛ mode wɔn a wɔfom mo mfomsoɔ kyɛ wɔn a, mo nso mo ɔsoro Agya de mo mfomsoɔ bɛkyɛ mo. 15  Nanso, sɛ moamfa wɔn a wɔfom mo mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, mo ɔsoro Agya no nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.”
Mmuadadie Ho Kɔkɔbɔ
16  “Sɛ modi mmuada a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ sɛdeɛ nyaatwomfoɔ mmuada a wɔyɛ de pɛ nnipa anim animuonyam no. Merema mo ate aseɛ sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada. 17  Sɛ wodi mmuada a, nunu wo tirim, na hohoro wʼanim, na ma wʼanim nyɛ frɔmm, 18  na mma nnipa nhunu sɛ woredi mmuada, agye wʼAgya a ɔhunu deɛ woyɛ wɔ kɔkoam nyinaa no nko ara; na wʼAgya a ɔnim kɔkoam nsɛm nyinaa no bɛtua wo ka.
19  “Monnhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ asase yi so, deɛ ntɛferɛ bɛtumi awe, na ɛbɛtumi awe nnaakye na asɛeɛ, na akorɔmfoɔ bɛtumi awia. 20  Mmom, monhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ ɔsoro, deɛ ntɛferɛ ntumi nwe, na ɛntumi nwe nnaakye nsɛeɛ, na akorɔmfoɔ ntumi nwia. 21  Na deɛ wʼagyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na wʼakoma nso wɔ.
22  “Ani yɛ onipadua kanea. Ɛno enti sɛ wʼani yɛ a, na wo onipadua nyinaa yɛ hann. 23  Nanso sɛ wʼani nyɛ a, ɛma wo onipadua no nyinaa dane esum tumm. Enti, sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ esum deɛ a, na wo onipadua no yɛ esum kabii.
24  “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; sɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛtan ɔbaako, na wadɔ ɔbaako anaasɛ ɔbɛsom ɔbaako yie, na wabu ɔbaako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahodeɛ.
25  “Yei enti na metu mo fo sɛ, monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom anaa deɛ mobɛfira ho. Mowɔ ɔkra ne onipadua a ɛsom bo sene deɛ mobɛdi, deɛ mobɛnom ne deɛ mobɛfira. 26  Monhwɛ ewiem nnomaa, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduane di. Monnsom bo nsene wɔn anaa? 27  Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin?
28  “Adɛn enti na modwennwene ntoma ho? Monhwɛ afifideɛ bi sɛ sukooko. Wɔnnyɛ adwuma, anaasɛ wɔnwene ntoma ho. 29  Nanso, Ɔhene Salomo ahonya ne nʼanimuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnuru sukooko yi. 30  Na sɛ Onyankopɔn tumi fira afifideɛ a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ na ɔkyena ɛnni hɔ ntoma a, mo a mo gyidie sua, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrentumi mma mo deɛ ɛhia mo? 31  Enti, monnnwennwene deɛ mobɛdie, deɛ mobɛnom anaasɛ deɛ mobɛfira ho. 32  Na wɔn a wɔnni gyidie no na ɛberɛ biara wɔdwene saa nneɛma no ho. Na mo deɛ, mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nim sɛ yeinom nyinaa ho hia mo. 33  Enti, monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie ne ne tenenee kane, na ɔde deɛ ɛhia mo nyinaa bɛka mo ho. 34  Enti, monnnwennwene ɔkyena ho. Onyankopɔn no ara de deɛ ɛhia mo bɛma mo. Ɛda biara ne mu nsɛm.