Odiyifoɔ
Nahum
Nwoma
1
Elkosini Nahum anisoadehunu nwoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho.
Awurade Abufuo A Ɛtia Ninewe
Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn,
Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma.
Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ
na nʼabufuo tena wɔn so.
Awurade bo kyɛre fu, na ne tumi so,
na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso.
Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu,
omununkum yɛ ne nan ase mfuturo.
Ɔteatea ɛpo na ɔma ɛwe;
ɔma nsubɔntene nyinaa wewe.
Basan ne Karmel twintwam
na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kusa.
Mmepɔ woso biribiri nʼanim
na nkokoɔ nane.
Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa
woso nʼanim.
Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼabufuo ano?
Hwan na ɔbɛtumi atena nʼabufuhyeɛ mu?
Nʼabufuo hwie te sɛ ogya;
abotan yam wɔ nʼanim.
Awurade yɛ,
ɔyɛ ahohia mu dwanekɔbea.
Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.
Nanso, ɔnam nsuyire nwanwasoɔ so
bɛma Ninewe aba awieeɛ.
Ɔbɛtaa nʼatamfoɔ akɔduru esum kabii mu.
 
Ɛpɔ biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no,
ɔbɛsɛe no;
ɔhaw biara remma ne mprenu so.
10 Wɔde nkasɛɛ bɛkyekyere wɔn ho,
na ɛberɛ a wɔn nsa aboro wɔn no
wɔbɛhye wɔn sɛ wira dwaneeɛ a wɔaboa ano.
11 Ao, Ninewe, wo mu na
deɛ ɔbɔ ɛpɔ bɔne tia Awurade
na ɔtu fo bɔne no firie.
12 Deɛ Awurade seɛ nie:
“Ɛwom sɛ wɔwɔ apamfoɔ a wɔdɔɔso deɛ,
nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera.
Ao Yuda, ɛwom sɛ mama ɔhaw aba wo so,
nanso merenyɛ saa bio.
13 Afei, mɛbubu kɔnnua a ɛda wo kɔn mu
na matete nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.”
 
14 Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho:
“Worennya asefoɔ a wo din bɛda wɔn so.
Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wɔasene ne ahoni a wɔaguo
a ɛsisi wʼabosonnan mu no.
Mɛsiesie wʼadamena
ɛfiri sɛ wadane ayɛ atantanneɛ.”
 
15 Hwɛ mmepɔ no so,
deɛ a ɔde asɛmpa no ba no anammɔn
ɔno na ɔka asomdwoesɛm!
Ao, Yuda di wʼafahyɛ na
di wɔ bɔhyɛ so.
Nnipa bɔne rentu wo so sa bio;
Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.