2
Ninewe Asehweɛ
Ɔtohyɛsoɔni reba wo so, Ninewe
bɔ aban no ho ban,
wɛn ɛkwan no,
bɔ wo ho so
na boa wʼahoɔden nyinaa ano!
 
Awurade de Yakob animuonyam bɛsane ama no
te sɛ Israel deɛ no,
ɛwom sɛ, asɛefoɔ no ama ada mpan
na wɔasɛe ne bobe mfuo.
 
Asraafoɔ no akokyɛm yɛ kɔkɔɔ;
akofoɔ no hyehyɛ kɔben akotaadeɛ.
Nnadeɛ a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no
twa nyinam nyinam sɛ da a wɔyɛeɛ no;
mpea a wapoma wɔ nnua so no rehim.
Nteaseɛnam no twi fa mmɔntene so,
na wɔdi akɔneaba.
Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ;
wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.
 
Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofoɔ a wodi mu
nanso wɔsuntisunti wɔ ɛkwan mu.
Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasuo ho;
na wɔyɛ wɔn akokyɛm krado.
Wɔbuebue asubɔnten apono no,
na ahemfie no dwiri gu fam.
Wɔhyɛ mmaraden sɛ
wɔmfa kuropɔn no nnommum
na wɔmfa wɔn nkɔ.
Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so
su te sɛ mmorɔnoma.
Ninewe te sɛ ɔtadeɛ a
emu nsuo resene korɔ.
Woteam sɛ, “Monnyina hɔ! Monnyina hɔ!”
Nanso, obiara ansane nʼakyi.
Momfom dwetɛ no!
Momfom sikakɔkɔɔ no!
Ahonyadeɛ a ɛwɔ akoradan mu nyinaa!
Na ahonyadeɛ no dɔɔso.
10 Wɔabɔ Ninewe korɔno, wɔayɛ no pasaa!
Akoma boto, na nkotodwe woso woso,
nnipa ho popo na wɔn anim to hoa.
 
11 Seesei ɛhe na gyatabuo no wɔ,
baabi a wɔma wɔn mma aduane no,
baabi a gyatanini ne gyatabereɛ korɔ
na wɔn mma nso kɔ a wɔnsuro?
12 Gyata akum deɛ ɛbɛmee ne mma.
Wabobɔ ahaboa ama gyatabereɛ no.
Ɔde deɛ wakum ahyɛ ne bɔn ma
na ɔde ahaboa ahyɛ nʼatuo mama.
13 “Me ne wo nnka,”
sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni,
“Mɛhye wo nteaseɛnam na adane wisie
na akofena bɛkunkum wʼagyata mma.
Merennya wo ahaboa biara wɔ asase so.
Wɔrente wʼasomafoɔ no nne bio.”