6
Ahotuafoɔ Mmara
Awurade sane ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, “Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa kɔyɛ Nasareni de te ne ho wɔ Awurade anim a, ɛno akyi, saa ɛberɛ a ɔwɔ ahoteɛ no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔnom nsã a ɛyɛ den anaa bobesa anaa nsã a emu ka. Saa ɛberɛ no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔdi biribiara a ɛfiri bobe mu, sɛ ɛyɛ nʼaba anaa ne hono.
“Saa ɛberɛ no mu no, ɛnsɛ sɛ ɔyi ne tirinwi, ɛfiri sɛ, ɔyɛ kronkron na wɔate ne ho ama Awurade; ɛno enti na ɛsɛ sɛ ɔma ne tirinwi fu no.
Awurade bɔhyɛ no nna no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ owufoɔ ho. Sɛ owufoɔ no yɛ nʼagya, ne maame, ne nuabarima anaa ne nuabaa koraa a, ɔnnkɔ ne ho, ɛfiri sɛ, ne bɔ a ɔhyɛ de tee ne ho no, ɔda so hyɛ aseɛ, na saa ɛberɛ no mu nyinaa, wɔate ne ho ama Awurade.
“Sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn de gu ne ho fi a, nnanson akyi, ɛsɛ sɛ ɔyi ne tirinwi a ɛho agu fi no. Afei, wɔbɛdwira ne ho afiri efi a owufoɔ no de aka no no. 10 Nʼadekyeeɛ a ɛyɛ ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu brɛ ɔsɔfoɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. 11 Ɔsɔfoɔ no de nnomaa no mu baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde ɔbaako abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ayɛ mpatadeɛ ama deɛ ne ho agu fi no. Na ɛda no ara, ɛsɛ sɛ ɔti ne bɔhyɛ mu na ɔsane ma ne tirinwi no fu bio. 12 Nna dodoɔ a ɔdii ne bɔhyɛ a ɛdi ɛkan no so no nyinaa ahye agu. Ɔbɛhyɛ Awurade bɔ foforɔ de afiri aseɛ, na ɔde odwennini ba a wadi afe bɛba abɛbɔ ɛfɔdie ho afɔdeɛ.
13 “Ɛda a ne bɔhyɛ a ɛte ɔno ne Awurade ntam no wie duru no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano 14 kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔde odwan ba a wadi afe a ɔnnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔdeɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔde odwanbereɛ a wadi afe a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini a ɔnnii dɛm bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ. 15 Nneɛma a ɔde bɛka ho no ne burodo a mmɔreka mfra mu, asikyiresiam taterɛ a wɔde ngo afra; burodo ntrawa bi a mmɔreka mfra mu a wɔde ngo ayɛ so a aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho.
16 “Ɔsɔfoɔ no de saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa bɛba Awurade anim. Deɛ ɔde bɛdi ɛkan aba no yɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ, 17 afei, odwennini a wɔde no bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ a burodo kɛntɛnma a mmɔreka nni mu nso ka ho. Na deɛ ɛtwa toɔ a ɔde bɛba no ne aduane ne nsã afɔdeɛ a ɔde bɛma Awurade.
18 “Afei, ɔhotuafo no bɛyi ne tirinwi a afu kuhaa no; ɛno ne nsɛnkyerɛnnedeɛ a ɛkyerɛ sɛ, ɔnhyɛ bɔhyɛ no ase bio. Wɔbɛyɛ yei wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano, na wɔde nwi no agu asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔrebɔ no wɔ ogya mu no ahye no.
19 “Wɔayi ɔbarima no tirinwi no awie no, ɔsɔfoɔ no de odwennini no basa a wɔatoto, taterɛ a mmɔreka nni mu no baako ne burodo ntrawa a mmɔreka nni mu bɛhyɛ ɔbarima no nsam. 20 Ɔsɔfoɔ no bɛhim no akɔ nʼanim aba nʼakyi wɔ Awurade anim a ɛkyerɛ ma a ɔde rema Awurade. Ne nyinaa yɛ kyɛfa a ɛho te ma ɔsɔfoɔ no. Wɔbɛyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ odwennini no basa mu mfempadeɛ a wɔhim no wɔ Awurade anim no. Yei akyi no, ɔhotuafoɔ no tumi nom bobesa a ɛkyerɛ sɛ, wɔayi no afiri ne bɔhyɛ no mu.
21 “Yeinom ne mmara a ɛda hɔ ma Nasareni a wahyɛ nʼahofama ho bɔ awie, na ɔde afɔrebɔ ahodoɔ brɛ Awurade. Saa afɔrebɔ yi akyi no, ɔtumi de afɔrebɔdeɛ biara a ɔrebɛyɛ Nasareni no, ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛba no ba.”
22 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 23 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyira Israelfoɔ yi sononko sɛ:
24 “ ‘Awurade nhyira mo
na ɔnhwɛ mo so.
25  Awurade nte nʼanim nkyerɛ mo
na ɔnnom mo.
26  Awurade mma nʼani so nhwɛ mo
na ɔmma mo asomdwoeɛ.’
27 “Saa na ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mmammarima hyira Israelfoɔ, na mʼankasa nso mɛhyira wɔn.”