7
Ɛda a Mose wiee Ahyiaeɛ Ntomadan no hyehyɛ no, ɔsraa ho nyinaa ngo, tee ho nyinaa a afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma nyinaa ka ho. Afei, Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo no mu mpanin a wɔhwɛɛ nnipakan no so no nyinaa de wɔn afɔrebɔdeɛ baeɛ. Wɔde nteaseɛnam nsia a wɔakatakata ho ne anantwie dumienu na wɔde baeɛ. Na nteaseɛnam no baako biara yɛ mpanimfoɔ mmienu dea, a nantwie baako yɛ wɔn mu biara dea. Wɔde ne nyinaa maa Awurade wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anim.
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Gye wɔn akyɛdeɛ no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ho adwuma. Fa ma Lewifoɔ no na wɔmfa nni dwuma biara a ɛho hia wɔn.”
Enti Mose de nteaseɛnam no ne anantwie no maa Lewifoɔ no. Ɔmaa Gerson ne ne nkurɔfoɔ nteaseɛnam mmienu ne anantwie ɛnan ɛnna ɔmaa Merari ne ne nkurɔfoɔ nso nteaseɛnam ɛnan ne anantwie nwɔtwe a Aaron babarima Itamar na na ɔdi so panin. Wɔamma Kohat nkurɔfoɔ nteaseɛnam no bi, ɛfiri sɛ, na ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn kyɛfa a ɛfa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho nneɛma no ho no wɔ wɔn mmatire.
10 Ɛda no, mpanimfoɔ a wɔdi anim no nso de atenaseɛbɔ akyɛdeɛ bɛguu afɔrebukyia no anim da a wɔresra afɔrebukyia no ngo no. 11  Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kyekyɛ nna a obiara de nʼatenasebɔdeɛ bɛba afɔrebukyia no so.”
 
12 Aminadab babarima Nahson a ɔfiri Yuda abusuakuo mu na ɔde nʼatenasebɔdeɛ baa ɛda a ɛdi ɛkan no.
13 Nneɛma a ɔde baeɛ no yɛ:
dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kyɛnsee bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.
14 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ adaka ketewa bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma baeɛ.
15 Ɔde nantwinini ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.
16 Wɔde abirekyie baeɛ sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ
17 na asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no deɛ, anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyie enum ne nnwammaa enum a wɔadi afe na wɔde wɔn baeɛ.
Yei ne afɔdeɛ a Nahson babarima Aminadab de baeɛ.
 
18 Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, Suar babarima Netanel a ɔda Isakar abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
19 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:
dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
20 Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
21 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
22 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ
23 ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Yei ne afɔdeɛ a Suar babarima Netanel de baeɛ.
 
24 Ne nnansa so no, Helon babarima Eliab a ɔda Sebulon abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
25 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:
dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.
26 Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ ma nso baeɛ.
27 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
28 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
29 ne anantwie mmienu, nnwennini enum ne mmirekyinini enum sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Yei ne afɔdeɛ a Helon babarima Eliab de baeɛ.
 
30 Ne nnanan so no, Sedeur babarima Elisur a ɔda Ruben abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
31 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:
dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.
32 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
33 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
34 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
35 ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe.
Yei ne afɔdeɛ a Sedeur babarima Elisur de baeɛ.
 
36 Ne nnanum so no, Surisadai babarima Selumiel a ɔda Simeon abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
37 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:
dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.
38 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru bɛyɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
39 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wɔadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
40 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ,
41 ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Yei ne afɔdeɛ a Surisadai ba Selumiel de baeɛ.
 
42 Ne nna nsia so no, Deguel babarima Eliasaf a ɔda Gad abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
43 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:
dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
44 Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
45 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
46 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
47 ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Yei ne afɔdeɛ a Deguel ba Eliasaf de baeɛ.
 
48 Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
49 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:
dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
50 Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
51 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
52 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
53 ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Yei ne afɔdeɛ a Amihud babarima Elisama de baeɛ.
 
54 Ne nnawɔtwe so no, Pedahsur babarima Gamaliel a ɔda Manase abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
55 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:
dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
56 Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
57 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
58 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
59 ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpɔnkyenini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Yei ne afɔdeɛ a Pedahsur ba Gamaliel de baeɛ.
 
60 Ne nna nkron so no, Gideoni babarima Abidan a ɔda Benyamin abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
61 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:
dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
62 Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
63 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
64 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ
65 ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Yei ne afɔdeɛ a Gideoni babarima Abidan de baeɛ.
 
66 Ne dadu so no, Amisadai babarima Ahieser a ɔda Dan abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
67 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:
dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
68 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
69 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
70 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
71 ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Yei ne afɔdeɛ a Amisadai babarima Ahieser de baeɛ.
 
72 Ne dadu da baako so no, Okran babarima Pagiel a ɔda Aser abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
73 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:
dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
74 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
75 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
76 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
77 ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Yei ne afɔdeɛ a Okran babarima Pagiel de baeɛ.
 
78 Ne dadu nna mmienu so no, Enan babarima Ahira a ɔda Naftali abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
79 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:
dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
80 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
81 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
82 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
83 ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Yei ne afɔdeɛ a Enan babarima Ahira de baeɛ.
 
84 Enti, yei ne afɔrebukyia no afɔrebɔdeɛ a Israel mpanimfoɔ de ba bɛsraa afɔrebukyia no nam so bɔɔ no atenaseɛ:
dwetɛ mprɛte dumienu, dwetɛ hweaseammɔ dumienu ne sikakɔkɔɔ aduhwam akoradeɛ dumienu. 85 Ne nyinaa mu, na dwetɛ nneɛma no nyinaa kari bɛyɛ kilogram aduasa. Na prɛte biara kari kilogram baako ne fa, na dwetɛ kyɛnsee no nso kari kilogram baako. 86 Sikakɔkɔɔ a wɔde bɛkyɛeɛ no mu duru yɛɛ bɛyɛ kilogram baako ne fa a ɛkyerɛ sɛ, sikakɔkɔɔ no akoradeɛ no mu biara duru yɛ nnwetɛbena edu a wɔde aduhwam ahyɛ no ma.
87 Wɔde anantwie dumienu ne nnwennini a wɔn mu biara adi afe na wɔde bɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no a atokoɔ afɔrebɔ nso ka ho. Wɔde mpapo bɛbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ.
88 Asomdwoeɛ afɔdeɛ nneɛma a wɔde baeɛ nie: anantwinini mma aduonu ɛnan, nnwennini aduosia, mmirekyie aduosia, nnwammaanini a wɔn mu biara adi afe aduosia.
 
89 Ɛberɛ a Mose kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ ɔne Awurade rekɔkasa no, ɔtee nne bi firi soro a ɛrekasa kyerɛ no firi Mpata Beaeɛ no atifi hɔ, wɔ adaka no ho baabi a Kerubim mmienu no sisi no ntam.