8
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron sɛ, sɛ ɔsɔ nkanea nson a ɛwɔ kaneadua no so no a, ɔnsɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛto ne hann no akɔ nʼanim.”
Enti, Aaron yɛɛ saa. Kaneadua no ne nhwiren a wɔde asiesie nʼase ne ne mman no nyinaa, sikakɔkɔɔ a wɔaboro na wɔde yɛeɛ. Wɔyɛɛ no sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no.
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yi Lewifoɔ no firi Israelfoɔ no mu na te wɔn ho. Fa ahodwira nsuo pete wɔn so. Ma wɔnyi wɔn ho nwi nyinaa, na wɔnsi wɔn nneɛma nyinaa, afei wɔn ho bɛte. Afei, ma wɔmfa nantwinini ba ne aduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra a nantwinini ba baako ka ho a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ mmra. Afei, frɛ Israelfoɔ no nyinaa hyia na fa Lewifoɔ no bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano. 10 Ɛhɔ, wɔ Awurade anim, mpanimfoɔ a wɔtuatua mmusuakuo no ano no de wɔn nsa bɛgu wɔn so 11 na Aaron ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi sɛ ɔde wɔn rema Awurade sɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Israel manfoɔ nyinaa nkyɛn. Lewifoɔ bɛsi nnipa no nyinaa anan asom Awurade.
12 “Afei, Lewifoɔ mpanimfoɔ no de wɔn nsa bɛgu nantwie mma no apampam na wɔde wɔn ama Awurade. Wɔde baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ na wɔde baako nso abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ de ayɛ mpatadeɛ ama Lewifoɔ no. 13 Afei, wɔde Lewifoɔ no bɛma Aaron ne ne mma te sɛ deɛ wɔde afɔrebɔdeɛ biara fa asɔfoɔ so de ma Awurade no. 14 Monam saa ɛkwan yi so bɛyi Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ no mu ama me, na wɔayɛ me dea.
15 “Sɛ mote wɔn ho na mofa saa ɛkwan yi so de wɔn ma me a, afei, wɔbɛdi ahyɛnfirie wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, adi wɔn dwuma. 16 Israelfoɔ mu nyinaa, wɔn na wɔyɛ me nkurɔfoɔ, na magye wɔn atom asi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan. Mafa Lewifoɔ no sɛ wɔn ananmusifoɔ. 17 Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ mmakan nyinaa yɛ me dea—nnipa ne mmoa nyinaa. Anadwo a mekumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa no ara na mefaa wɔn de wɔn yɛɛ me nkurɔfoɔ. 18 Mafa Lewifoɔ no asi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan mu. 19 Na mede Lewifoɔ no bɛkyɛ Aaron ne ne mmammarima. Lewifoɔ no na wɔbɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu nnwuma kronkron a anka ɛsɛ sɛ Israelfoɔ no na wɔyɛ, na wɔn na wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama nkurɔfoɔ de ayɛ mpatadeɛ ama wɔn. Ɔyaredɔm biara renka Israelfoɔ no, nanso sɛ nnipa afoforɔ biara kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu a, wɔbɛyareyare.”
20 Enti, Mose ne Aaron ne Israelfoɔ no nyinaa faa ɛkwan a Awurade kyerɛɛ Mose no so pɛpɛɛpɛ de Lewifoɔ no maa Awurade. 21 Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, sii wɔn nneɛma ɛnna Aaron de wɔn hyɛɛ Awurade nsa. Ɔyɛɛ wɔn ho mpatadwuma de tee wɔn ho. 22 Ɛno akyi, wɔkɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ Aaron ne ne mmammarima aboafoɔ. Wɔyɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no.
23  Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 24 “Sɛ Lewini biara di mfeɛ aduonu enum a, ma no mfiri aseɛ nsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu, 25 na wɔdi mfeɛ aduonum a, wɔapɔn wɔn ho. 26 Sɛ wɔpɔn wɔn ho a, wɔtumi di dwuma nketenkete wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ. Wɔrenyɛ nnwuma a daa ɛbɛgye wɔn berɛ.”