2
Onyankopɔn Ankasa Nkurɔfoɔ
Montwe mo ho mfiri bɔne nyinaa, atorɔ anaa nyaatwom anaa anibereɛ anaa nsekuro ho. Monyɛ sɛ nkɔkoaa a ɛberɛ biara sukɔm de mo, sɛ mobɛnya honhom mu nufosuo kronn anom, na sɛ monom a moanyini na wɔagye mo nkwa. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Moaka Awurade ayamyɛ no ahwɛ.”
Mommra Awurade a ɔyɛ ɛboɔ a nkwa wom no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo. Mo nso mote sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu a wɔde mo resi ɛdan a honhom ahyɛ no ma. Ɛhɔ na mobɛsom sɛ asɔfoɔ Kronkron a monam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛdi mu ama Onyankopɔn. Na Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Mayi ɛboɔ a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatiboɔ a
obiara a ɔbɛgye no adi no,
wɔrenni no hwammɔ.”
Saa ɛboɔ yi ho wɔ mfasoɔ yie ma mo a mogye di. Na wɔn a wɔnnye nni no:
“Ɛboɔ a adansifoɔ apo no,
ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ.”
Wɔka bio wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ,
“Saa ɛboɔ yi na ɛbɛma nnipa asunti;
ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.”
Wɔsuntiiɛ ɛfiri sɛ na wɔnnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛeɛ.
Na mo deɛ, moyɛ nnipa a wɔayi mo, sɛ ɔhene asɔfoɔ, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfoɔ a wɔayi mo sɛ monka nʼanwanwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo firi sum mu baa nʼankasa hann nwanwaso no mu. 10 Nna bi a atwam no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ nanso afei, moyɛ ne nkurɔfoɔ; nna bi a atwam no na monnim Onyankopɔn ahummɔborɔ no, nanso seesei, moanya nʼahummɔborɔ no.
Onyankopɔn Asomfoɔ
11 Mʼadɔfoɔ, mekasa kyerɛ mo sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ a mowɔ ewiase. Montwe mo ho mfiri honam akɔnnɔ a daa ɛne ɔkra no di asie no ho. 12 Mommɔ ɔbra pa wɔ amanaman a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, wɔahunu mo papa a moayɛ no nso, nam so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam ɛda a ɔbɛba no.
13 Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade din mu mma tumidie a ɛyɛ ewiase nhyehyɛeɛ nyinaa: Ni titire Ɔhempɔn a ɔdi obiara so. 14 Mommrɛ mo ho ase mma amradofoɔ, ɛfiri sɛ Ɔhempɔn na wasoma wɔn sɛ wɔntwe nnebɔneyɛfoɔ aso na wɔmmɔ wɔn a wɔyɛ papa no aba so. 15 Onyankopɔn ahyɛdeɛ ne sɛ, ɔpɛ sɛ monam mo nneyɛeɛ pa so ka nnipa a wɔkasa kwa no kasa no hyɛ. 16 Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Monnsusu sɛ mo de mo ho enti mobɛtumi ayɛ bɔne biara. Mmom, montena ase sɛ Onyankopɔn asomfoɔ. 17 Momfa anidie mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom agyidifoɔ. Monsuro Onyankopɔn, na mommu Ɔhempɔn.
18 Afie mu asomfoɔ nso, mommrɛ mo ho ase mma mo wuranom, na monnni wɔn a wɔn yam yɛ na wɔn tirim yɛ mmrɛ nko ni, na wɔn a wɔn tirim yɛ den nso, monni wɔn ni. 19 Sɛ moto mo bo ase tena saa yea a ɛmfata yi mu a, Onyankopɔn bɛhyira mo, ɛfiri sɛ, monim ne pɛ. 20 Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo a, morennya ho mfasoɔ biara. Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na monya ho boasetɔ a, Onyankopɔn bɛhyira mo. 21 Yei enti na Onyankopɔn frɛɛ mo, ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa hunuu amane maa mo, de saa nhwɛsoɔ no gyaa mo, sɛdeɛ mobɛdi nʼanammɔn akyi.
22 “Kristo anyɛ bɔne.
Obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano.”
23 Wɔbɔɔ no adapaa no, wammɔ wɔn bi antua ka. Ɔhunuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidasoɔ nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔtemmufoɔ pa no mu. 24 “Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne” wɔ ne honam mu kɔɔ asɛnnua no so sɛdeɛ yɛbɛwu ama bɔne na yɛatena ase tenenee mu. “Nʼakuro mu na moanya ayaresa. 25 Na mote sɛ nnwan a wɔayera,” nanso afei deɛ, wɔde mo asane aba sɛ mommɛdi Odwanhwɛfoɔ no ne mo Krasohwɛfoɔ no akyi.