3
Ɔyerenom Ne Okununom
Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi, ɛfiri sɛ wɔbɛhunu obuo ne anidie a mode ma Onyankopɔn wɔ mo suban mu. Mommma ɔhonam mu asiesie nnyɛ mo dadwene; sɛ ɛyɛ ɛkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinneɛ a mode siesie mo ho, anaa ntoma a mofira. Momfa ɔdwoɔ ne ahobrɛaseɛ nkyerɛ mo ahoɔfɛ a ɛyɛ akomamuteɛ no. Saa ahoɔfɛ yi kyɛre na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Saa ɛkwan yi so na mmaa agyidifoɔ a wɔtenaa ase tete no a na wɔwɔ anidasoɔ wɔ Onyankopɔn mu no nam brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom, de kyerɛɛ wɔn ahoɔfɛ. Sara yɛɛ saa ara. Ɔtiee Abraham asɛm frɛɛ no “Me wura.” Seesei sɛ moyɛ papa na monsuro hwee a, moyɛ ne mmammaa.
Mo okununom nso, saa ara na ɛsɛ sɛ modwene mo yerenom ho wɔ mo asetena mu. Momfa anidie mma wɔn na monhunu mmerɛ a wɔyɛ na monhunu sɛ wɔne mo yɛ adedifoɔ, na biribi ansi mo mpaeɛbɔ ɛkwan.
Papayɛ So Amanehunu
Deɛ ɛtwa toɔ, Mo nyinaa montena ase asomdwoeɛ mu. Monnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔborɔ, na mommrɛ mo ho ase. Mommfa bɔne ntua bɔne so ka, na mommfa ɔyea nso ntua ɔyea so ka. Na mmom, daa, monhyirahyira, ɛfiri sɛ, ɛno enti na wɔfrɛɛ mo na moanya nhyira. 10 Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yie
na ɔhunu nna pa no,
ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne,
na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa.
11 Ɛsɛ sɛ ɔte ne ho firi bɔne ho na ɔyɛ papa
na ɔti asomdwoeɛ akyi na ɔdi akyire.
12 Ɛfiri sɛ, Awurade ani wɔ ateneneefoɔ so
na ɔtie wɔn mpaeɛbɔ
na ɔtia wɔn a wɔyɛ bɔne.”
13 Sɛ wopere sɛ wopɛ sɛ woyɛ deɛ ɛtene a, hwan na ɔbɛha wo? 14 Na sɛ ɛba mpo sɛ woyɛ deɛ ɛtene na wohunu ho amane a, wʼani gye. Monnsuro nnipa, na mommma hwee nha mo. 15 Momfa anidie mma Kristo wɔ mo akoma mu, na momma ɔnyɛ mo Awurade. Ɛberɛ biara a obi bɛbisa mo gyidie a mowɔ wɔ mo mu ho asɛm no, monkyerɛ no aseɛ. 16 Momfa obuo ne anidie mma saa mmuaeɛ no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛdeɛ wɔn a wɔsopa mo suban pa wɔ Kristo mu no anim bɛgu ase wɔ wɔn nsekuro no ho. 17 Ɛfiri sɛ, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ mobɛhunu amane a, ɛyɛ sɛ mobɛhunu ade tenenee a moyɛeɛ ho amane sene sɛ mobɛyɛ bɔne. 18 Ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa wu maa mo. Ɔwuu pɛnkorɔ maa mo bɔne sɛdeɛ ɛbɛma moatumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, nanso ɔsɔree honhom mu, 19 na ɔnam honhom no so kɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a wɔda afiase no. 20 Ahonhom yi yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn ɛberɛ a Noa resene ne hyɛn no, nanso Onyankopɔn too ne bo ase maa wɔn. Onyankopɔn nam nsuo no so gyee nnipa baawɔtwe nkwa. 21 Ɛno na afei ne sɛso ne asubɔ a ɛgye mo nkwa seesei no. Ɛnyɛ honam ani efi hohoro, na mmom, ɛyɛ bɔ a wɔfiri ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔreɛ so gye mo nkwa. 22 Kristo kɔ ɔsoro afei, na ɔte Onyankopɔn nifa so na ɔdi ɔhene wɔ abɔfoɔ nyinaa ne ewiem atumfoɔ so.