4
Abrabɔ Foforɔ
Esiane sɛ Kristo hunuu amane ne honam mu enti, monsɔ saa adwene korɔ no ara mu mfa nhyɛ mo ho den. Ɛfiri sɛ, deɛ wahunu amane wɔ honam mu no ne bɔne nni biribiara yɛ. Ɛfiri seesei rekɔ no, mo nna a aka wɔ asase so ha no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn na ɔdi mo abrabɔ so na ɛnyɛ onipa akɔnnɔ. Moasɛe mmerɛ bebree de ayɛ deɛ ɛsɛ sɛ abosonsomfoɔ na wɔyɛ. Motenaa ase wɔ ahohwie, akɔnnɔbɔne, nsãborɔ, agobɔne, adidimeeɛ ne abosonsom a ɛyɛ akyiwadeɛ mu. Seesei ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ mo ne wɔn mmɔ mu mmu ahuhubra no bio, ɛno enti, wɔyeyɛ mo. Nanso, wɔbɛbu wɔn ho nkonta akyerɛ Onyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no. Saa enti na wɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ wɔgyina wɔn asetena yi mu nneyɛeɛ so bu wɔn atɛn a wɔn honhom ne Onyankopɔn bɛtena.
Biribiara awieeɛ abɛn. Ɛsɛ sɛ mohyɛ mo ho so na mowɛn na moatumi abɔ mpaeɛ. Yei akyi no, monnodɔ mo ho yie ɛfiri sɛ, ɔdɔ bunkam bɔne nyinaa so. Monnye mo ho ahɔhoɔ wɔ mo afie mu a huhuhuhu biara nni akyire. 10 Honhom mu adom a obiara anya no, ɔnnyina so mfa nsom afoforɔ. 11 Sɛ obi reka asɛm a, ɔnka Onyankopɔn asɛm. Obiara a ɔsom no, ɔmfa ahoɔden a Onyankopɔn de ama no no nsom sɛdeɛ biribiara mu, wɔbɛfa Yesu Kristo so akamfo Onyankopɔn a animuonyam ne tumi wɔ no daadaa no. Amen.
Okristoni Amanehunu
12 Anuanom, mommma amanehunu a morehunu no nnyɛ mo nwanwa te sɛ deɛ montee so asɛm da. 13 Na mmom, momma mo ani nnye sɛ mo ne Kristo rehunu amane sɛdeɛ mo ani bɛgye daa da a ɔbɛda nʼanimuonyam adi no. 14 Nhyira nka mo sɛ moyɛ Kristo akyidifoɔ enti wɔya mo. Yei kyerɛ sɛ animuonyam honhom a ɛyɛ Onyankopɔn Honhom no wɔ mo so. 15 Ɛnsɛ sɛ mo mu biara hunu amane sɛ owudifoɔ anaa owifoɔ anaa odwotwafoɔ anaa ɔsɛmpɛfoɔ, 16 Na sɛ mohunu amane wɔ mo Kristosom ho a, mommma mo ani nnwu, na mmom, monna Onyankopɔn ase sɛ moyɛ Kristo dea. 17 Ɛberɛ aduru sɛ wɔbu atɛn, na Onyankopɔn no ara nkurɔfoɔ na wɔbɛdi kane abu wɔn atɛn. Na sɛ ɛfiri yɛn so kane a, ɛbɛwie Asɛmpa no asoɔdenfoɔ no sɛn? 18 Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Ɛyɛ den sɛ wɔbɛgye onipa pa nkwa;
na wɔn a wɔnnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfoɔ no deɛ, ɛdeɛn na ɛbɛba wɔn so?”
19 Ne saa enti, wɔn a wɔhunu amane sɛdeɛ Onyankopɔn ahyehyɛ no, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho ma Ɔbɔadeɛ no na wɔkɔ so yɛ papa.