Paulo Nwoma A
Ɔtwerɛ Kɔmaa
Filipifoɔ
1
Nkyea
Nwoma yi firi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn,
 
Yɛde kɔma Yesu Kristo mu ahotefoɔ ne ahwɛfoɔ ne asomafoɔ a wɔwɔ Filipi no nyinaa:
 
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
 
Paulo Mpaeɛbɔ
Ɛberɛ biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase. Saa ara nso na da biara mede anigyeɛ bɔ mpaeɛ ma mo, ɛfiri sɛ, ɛfiri da a ɛdi ɛkan de bɛsi sɛsɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɛ mu. Yei enti, megye di yie sɛ, Onyankopɔn a ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akɔsi da a Yesu Kristo bɛba no.
Sɛdeɛ mo ho adwene pa wɔ me tirim no enti, sɛ daa mekae mo a, na ne kwan so ara ne no. Ɛfiri sɛ, sɛ meda mpɔkyerɛ mu, anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no a, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom. Onyankopɔn ankasa di me adanseɛ sɛ mʼani agyina mo wɔ Yesu Kristo ɔdɔ mu.
Me mpaeɛ a mebɔ ma mo ne sɛ, ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mobɛnyini wɔ nimdeɛ ne nteaseɛ mu, 10 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu deɛ ɛyɛ na da a Kristo bɛba no, moayɛ kronn a obi nka asɛm bi ntia mo. 11 Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko bɛtumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, akamfo no.
12 Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ nneɛma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛ. 13 Ɛno enti, awɛmfoɔ a wɔwɔ ahemfie ha ne afoforɔ a wɔka wɔn ho no nyinaa nim sɛ, ɛsiane sɛ meyɛ Kristo ɔsomfoɔ no enti na meda afiase. 14 Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran wɔ Awurade mu ma wɔtumi ka Onyankopɔn asɛm no wɔ akokoɔduru so a wɔnsuro hwee.
15 Ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔn mu binom nam nitan ne ntɔkwapɛ so ka Kristo ho asɛm foforɔ, na afoforɔ nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm. 16 Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no firi ɔdɔ mu na ɛka, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Onyankopɔn asɛm enti na meda afiase. 17 Afoforɔ a wɔnam nitan ne ntɔkwapɛ so ka asɛm no nso dwene sɛ wɔnam saa kwan yi so bɛma mʼahohiahia aboro so wɔ mʼafiase nna yi mu. 18 Yei enti, na ayɛ ɛdeɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Deɛ ɛhia ara ne sɛ, sɛ wɔfiri adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka.
Na yei enti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye, 19 ɛfiri sɛ, menim sɛ mo mpaeɛbɔ ne adom a ɛfiri Yesu Kristo Honhom mmoa mu no enti, wɔbɛgyaa me. 20 Mepɛ ne mʼanidasoɔ titire ne sɛ, mmerɛ nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ mʼadwuma; mpo saa ɛberɛ yi, sɛ mete ase o, sɛ mewu o, mede me onipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo animuonyam. 21 Me deɛ, Kristo enti na mete ase; na mpo, owuo yɛ me mfasoɔ. 22 Nanso sɛ mete ase a, mɛtumi ayɛ adwuma a ɛho wɔ mfasoɔ ama Kristo. Ɛno enti, menhunu mu deɛ memfa, asetena anaasɛ owuo. 23 Yei adi me aniani. Pɛ na mepɛ sɛ metu firi ewiase ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ, ɛno mmom na ɛyɛ; 24 nanso mo enti, sɛ mete ase nso a, anka ɛyɛ. 25 Menim sɛ me ho hia wɔ asase yi so ha; ɛno enti, megye di sɛ mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyini wɔ gyidie mu anya anigyeɛ. 26 Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na sɛ mesane bɛsra mo bio a, mobɛnya biribi agyina so ahyɛ Kristo animuonyam sɛ ɔbɔɔ me ho ban.
27 Seesei, adeɛ a ɛho hia me ne sɛ, biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata Kristo Asɛmpa no nko ara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ yɛhyia o, sɛ yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa sɛ mogyina pintinn na mokura botaeɛ korɔ ne gyidie korɔ wɔ Asɛmpa no ho. 28 Monnsuro mo atamfoɔ. Biribiara a mobɛyɛ no, momfa akokoɔduru nnyina pintinn. Na yei bɛdi adanseɛ sɛ wɔbɛdi nkoguo na moadi nkonim, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ka mo ho. 29 Na mo deɛ, ɛnyɛ sɛ wɔadom mo sɛ monni Kristo akyi nko, na mmom, sɛ mobɛhunu amane nso. 30 Afei mobɛtumi ne me abom ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na ɛberɛ a atwam no, mekoeɛ no, na megu so reko sɛdeɛ mote no no.