6
Mma Ne Awofoɔ
Mma, montie mo awofoɔ asɛm wɔ Awurade mu ɛfiri sɛ, saa na ɛyɛ. “Di wʼagya ne wo maame ni,” yei ne mmaransɛm a ɛdi ɛkan a bɔhyɛ ka ho, “na asi wo yie na wo nna nso aware asase yi so.”
Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo. Na mmom, montete wɔn wɔ Awurade nkyerɛkyerɛ mu.
Nkoa Ne Awuranom
Nkoa, momfa obuo ne ɔsuro mfiri akoma pa mu nyɛ ɔsetie mma mo honam fam wuranom, sɛdeɛ mobɛyɛ ɔsetie ama Kristo no ara. Monyɛ ɔsetie mma wɔn, ɛnyɛ sɛ mobɛsɔ wɔn ani wɔ ɛberɛ a wɔrehwɛ mo nko ara, na mmom, monyɛ sɛ Kristo nkoa a mofiri mo akoma mu reyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ. Momfa mo akoma nyinaa nsom sɛdeɛ moresom Awurade a ɛnnyɛ nnipa, ɛfiri sɛ monim sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfoɔ anaa ɔde ne ho no, Awurade bɛtua no so ka.
Awuranom, saa ara na mo nso monyɛ mo asomfoɔ. Monnyae wɔn ahunahuna ɛfiri sɛ, mo ne mo asomfoɔ nyinaa wɔ wura baako a ɔwɔ ɔsoro; na ɔno deɛ ɔnhwɛ animu.
Nyankopɔn Akodeɛ
10 Deɛ ɛtwa toɔ ne sɛ, monyɛ den wɔ ne ne tumi kɛseɛ no mu. 11 Monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyinaa na moatumi agyina ɔbonsam nhyehyɛeɛ ano. 12 Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom, yɛne mpaninnie ne tumidie ne ewiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya. 13 Yei enti, monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyinaa, na sɛ da bɔne no ba a, moatumi agyina, na mowie biribiara a, moagyina pintinn. 14 Enti monnyina pintinn, na momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ, 15 na momfa Asɛmpa no asomdwoeɛ no nhyehyɛ mo nan. 16 Yeinom nyinaa akyi no, momfa gyidie kyɛm, deɛ mode bɛdum ɔbɔnefoɔ bɛma a ɛrederɛ no. 17 Momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne Honhom no akofena a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no.
18 Ɛberɛ nyinaa mu mommɔ mpaeɛ wɔ Honhom mu, mpaeɛbɔ ahodoɔ ne nkotosrɛ mu. Yei enti monna mo ho so, na mommɔ mpaeɛ mma ahotefoɔ. 19 Mommɔ mpaeɛ mma me nso na sɛ mebue mʼano a, wɔama me asɛm aka, na matumi akasa akokoɔduru so ada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi. 20 Seesei meyɛ ho ɔnanmusini a meda mpokyerɛ mu. Ɛno enti, mommɔ mpaeɛ mma me na matumi de akokoɔduru apae mu aka no sɛdeɛ ɛsɛ sɛ meka no.
 
Nkradie
21 Yɛn nua ɔdɔfoɔ, Tihiko, a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu ɔsomfoɔ nokwafoɔ no bɛka biribiara akyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛdeɛ me ho teɛ ne dwuma a meredie. 22 Yei enti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahunu sɛdeɛ yɛn ho teɛ na wahyɛ mo nkuran nso.
 
23 Asomdwoeɛ nka anuanom nyinaa, na Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma mo nokorɛ dɔ.
 
24 Onyankopɔn adom nka wɔn a wɔdɔ yɛn Awurade Yesu Kristo daa nyinaa no.