14
Ɔbaa nyansafoɔ si ne dan,
nanso ɔbaa kwasea de nʼankasa ne nsa dwiri ne deɛ gu fam.
 
Deɛ ne nanteɛ tene no suro Awurade,
na deɛ nʼakwan kyea no bu no animtiaa.
 
Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa,
nanso anyansafoɔ ano bɔ wɔn ho ban.
 
Baabi a anantwie nni no, adididaka no mu da mpan,
na ɔnantwie ahoɔden mu na nnɔbaeɛ pii firi ba.
 
Ɔdanseni nokwafoɔ rennaadaa,
ɔdansekurumni hwie atorɔ gu hɔ.
 
Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa nanso ɔnnya,
nanso wɔn a wɔwɔ nhunumu nya nimdeɛ ntɛm.
 
Twe wo ho firi ɔkwasea ho,
ɛfiri sɛ, worennya nimdeɛ mfiri nʼano.
 
Anitefoɔ nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho,
na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.
 
Nkwaseafoɔ de bɔne ho adwensakyera di fɛ,
na wɔn a wɔtene mu na anisɔ wɔ.
 
10 Akoma biara nim ɔyea ɛwɔ ne mu,
na obi foforɔ rentumi ne no nkyɛ nʼanigyeɛ.
 
11 Wɔbɛsɛe mumuyɛfoɔ efie,
nanso teefoɔ ntomadan bɛyɛ frɔmm.
 
12 Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so,
nanso ɛkɔwie owuo mu.
 
13 Ɔsereɛ mu mpo, akoma tumi di yea,
na anigyeɛ tumi wie awerɛhoɔ.
 
14 Akyirisanfoɔ bɛnya akatua sɛdeɛ wɔn akwan teɛ,
na onipa pa nso bɛnya ne deɛ.
 
15 Atetekwaa gye biribiara di,
nanso ɔnitefoɔ dwene nʼanammɔntuo ho.
 
16 Onyansafoɔ suro Awurade na ɔdwane bɔne,
nanso ɔkwasea yɛ asowuiɛ ne basabasa.
 
17 Onipa a ne bo nkyɛre fuo no yɛ nkwaseadeɛ,
na deɛ ɔpam apammɔne no, wɔtane no.
 
18 Ntetekwaafoɔ agyapadeɛ ne gyimie,
na wɔde nimdeɛ bɔ anitefoɔ abotire.
 
19 Nnipa bɔnefoɔ bɛkoto nnipa pa anim,
na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano.
 
20 Ahiafoɔ deɛ, wɔn ayɔnkofoɔ mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ,
nanso adefoɔ wɔ nnamfonom bebree.
 
21 Deɛ ɔbu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne,
na nhyira nka deɛ ne yam yɛ ma onnibie.
 
22 Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne nyera ɛkwan anaa?
Nanso wɔn a wɔhyehyɛ deɛ ɛyɛ no nya adɔeɛ ne nokorɛ.
 
23 Adwumadenyɛ nyinaa de mfasoɔ ba,
na kasa hunu deɛ, ɛkɔ ohia mu.
 
24 Anyansafoɔ ahonya ne wɔn abotire,
na nkwaseafoɔ agyimisɛm so gyimie aba.
 
25 Ɔdanseni nokwafoɔ gye nkwa,
nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafoɔ.
 
26 Deɛ ɔsuro Awurade no wɔ banbɔ a emu yɛ den,
na ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma.
 
27  Awurade suro yɛ nkwa asutire,
ɛyi onipa firi owuo afidie mu.
 
28 Ɔman mu nnipa dodoɔ yɛ ɔhene animuonyam,
nanso sɛ asomfoɔ nni hɔ a mmapɔmma no sɛe.
 
29 Onipa a ɔwɔ abodwokyerɛ wɔ nteaseɛ a emu dɔ,
na deɛ ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.
 
30 Akoma mu asomdwoeɛ ma onipadua nkwa,
na anibereɛ ma nnompe porɔ.
 
31 Deɛ ɔhyɛ ahiafoɔ soɔ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa,
nanso deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn animuonyam.
 
32 Sɛ amanehunu ba a amumuyɛfoɔ hwe ase,
nanso owuo mu mpo teneneefoɔ wɔ dwanekɔbea.
 
33 Nyansa te nteaseɛ akoma mu,
na nkwaseafoɔ mu mpo, ɔyi ne ho adi.
 
34 Tenenee pagya ɔman
na bɔne yɛ animguaseɛ ma nnipa biara.
 
35 Ɔhene ani sɔ ɔsomfoɔ nyansani,
na ɔsomfoɔ nimguaseni hyɛ no abufuo.