15
Mmuaeɛ pa dwodwo abufuo,
nanso asɛm a ano yɛ den hwanyane abufuo mu.
Onyansafoɔ tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ,
nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm.
 
Awurade ani hunu baabiara,
na ɛhwɛ amumuyɛfoɔ ne apapafoɔ.
 
Tɛkrɛma a ɛde abodwoɔ ba yɛ nkwa dua,
nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛ honhom.
 
Ɔkwasea mmfa nʼagya ntenesoɔ nyɛ hwee,
na deɛ ɔtie ntenesoɔ no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnitefoɔ.
 
Ahonya bebree wɔ ɔteneneeni fie,
nanso amumuyɛfoɔ adenya de ɔhaw brɛ wɔn.
 
Anyansafoɔ ano trɛtrɛ nimdeɛ mu;
nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafoɔ akoma teɛ.
 
Awurade kyiri amumuyɛfoɔ afɔrebɔ,
nanso teefoɔ mpaeɛbɔ sɔ nʼani.
 
Awurade kyiri amumuyɛfoɔ akwan,
nanso ɔdɔ wɔn a wɔti tenenee.
 
10 Asotwe denden wɔ hɔ ma dea ɔmane firi ɛkwan no so,
deɛ ɔtane ntenesoɔ no bɛwu.
 
11 Owuo ne Ɔsɛeɛ da Awurade anim,
na nnipa akoma mu deɛ, ɔnim ma ɛboro so.
 
12 Ɔfɛdifoɔ mpɛ ntenesoɔ;
ɔnnkɔbisa anyansafoɔ hwee.
 
13 Anigyeɛ akoma ma anim yɛ seresere,
na akoma a abotoɔ dwerɛ honhom.
 
14 Nhunumufoɔ akoma hwehwɛ nimdeɛ,
nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm.
 
15 Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ,
nanso anigyeɛ akoma wɔ daa ahosɛpɛ mu.
 
16 Ketewa bi a yɛnya a Awurade suro ka ho no yɛ
sene ahonyadeɛ bebree a ɔhaw bata ho.
 
17 Nhahamma aduane a ɔdɔ wɔ mu no yɛ
sene nantwie sradenam a ɔtan bata ho.
 
18 Deɛ ne bo fu ntɛm de mpaapaemu ba,
nanso deɛ ɔwɔ ntoboaseɛ pata ntɔkwa.
 
19 Nkasɛɛ ama onihafoɔ kwan asi,
nanso teneneefoɔ kwan yɛ tempɔn.
 
20 Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye
nanso ɔba kwasea bu ne maame animtiaa.
 
21 Agyimisɛm ma deɛ ɔnni adwene ani gye,
nanso deɛ ɔwɔ nteaseɛ no fa ɛkwan a ɛtene so.
 
22 Nhyehyɛeɛ a ɛnni afotuo no sɛe,
nanso afotufoɔ bebree ma ɛyɛ yie.
 
23 Onipa a ɔma mmuaeɛ a ɛfata no ani gye,
asɛm a ɛba berɛ pa mu no nso yɛ.
 
24 Onyansafoɔ asetena mu kwan ma no nkɔsoɔ
ɛsi ne da mu korɔ ho ɛkwan.
 
25  Awurade sɛe ɔhantanni fie
na ɔma akunafoɔ ahyeɛ yɛ pɛpɛɛpɛ.
 
26  Awurade kyiri amumuyɛfoɔ nsusuiɛ,
nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronn no deɛ.
 
27 Ɔdufudepɛfoɔ de ɔhaw brɛ nʼabusua,
nanso deɛ ɔkyiri kɛtɛasehyɛ no bɛnya nkwa.
 
28 Ɔteneneeni akoma kari ne mmuaeɛ,
nanso omumuyɛfoɔ ano woro bɔne.
 
29  Awurade mmɛn amumuyɛfoɔ koraa
nanso ɔte ɔteneneeni mpaeɛbɔ.
 
30 Animu a ɛteɛ ma akoma nya ahomeka,
na asɛm pa ma nnompe ahoɔden.
 
31 Deɛ ɔtie animka a ɛma nkwa no
ne anyansafoɔ bɛbɔ mu atena ase.
 
32 Deɛ ɔmfa ahohyɛsoɔ no bu ne ho animtiaa,
na deɛ ɔtie ntenesoɔ no nya nhunumu.
 
33  Awurade suro kyerɛ onipa nyansa,
ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.