18
Ɔhonankani yɛ pɛsɛmenkomenya;
na ɔmfa atɛntenenee nyɛ hwee.
 
Ɔkwasea nni nhunumu ho anigyeɛ
na mmom deɛ ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto dwa.
 
Sɛ amumuyɛsɛm ba a animtiabuo di so,
na aniwuo nso di animguaseɛ akyi.
 
Onipa anom nsɛm yɛ nsuo a emu dɔ,
na nyansa asutire yɛ asuwa a ɛrepu ahuro.
 
Ɛnyɛ sɛ wɔdi ma omumuyɛfoɔ
anaasɛ wɔbu deɛ ɔdi bem atɛnkyea.
 
Ɔkwasea ano de akasakasa ba
na nʼano frɛfrɛ ɔhweɛ.
 
Ɔkwasea ano yɛ ɔno ara sɛeɛ
na nʼanofafa yɛ ne kra afidie.
 
Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ;
ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa.
 
Deɛ ɔtoto nʼadwuma ase no
nuabarima ne deɛ ɔyɛ ɔsɛefoɔ.
 
10  Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den;
ahotefoɔ dwane kɔtoa na wɔnya banbɔ.
 
11 Adefoɔ ahonyadeɛ ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban
wɔfa no sɛ ɔfasuo tenten a wɔntumi mforo.
 
12 Ansa na onipa bɛhwe ase no ɔnya ahomasoɔ akoma,
na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.
 
13 Deɛ ɔntie asɛm ansa na wama mmuaeɛ no,
ɛno ne ne gyimie ne nʼanimguaseɛ.
 
14 Onipa sunsum na ɛhyɛ no den wɔ yadeɛ mu
na honhom a apɛkyɛ deɛ, hwan na ɔpɛ?
 
15 Nhunumu akoma nya nimdeɛ;
na anyansafoɔ aso nso hwehwɛ.
 
16 Akyɛdeɛ bue ɛkwan ma deɛ ɔde ma
na ɛde no ba atitire anim.
 
17 Ɛyɛ deɛ ɔbɔ ne nkuro kane no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ,
kɔsi sɛ ɔfoforɔ bɛba abɛbisa no nsɛm no mu.
 
18 Ntontobɔ twa akyinnyegyeɛ so,
na ɛpata atamfoɔ.
 
19 Onua a wɔafom noɔ no asɛm yɛ dene sene kuropɔn a ɛwɔ banbɔ,
akyinnyegyeɛ te sɛ abankɛsewa apono a wɔabram akyire.
 
20 Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee,
nnɔbaeɛ a nʼanofafa twa no mee no.
 
21 Tɛkrɛma kura nkwa ne owuo tumi,
na wɔn a wɔdɔ no no bɛdi nʼaba.
 
22 Deɛ wanya yere no anya adepa
na ɔnya adom firi Awurade hɔ.
 
23 Ohiani srɛ ahummɔborɔ,
nanso ɔdefoɔ de kasaden bua no.
 
24 Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso bɛtumi ahwe ase,
nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asene onua.