17
Aduane mmɔwe a asomdwoeɛ wɔ ho
yɛ sene efie a apontoɔ ahyɛ no ma a nso basabasayɛ wɔ mu.
 
Ɔsomfoɔ nyansafoɔ bɛdi ɔba nimguasefoɔ so,
na ɔbɛnya ne kyɛfa wɔ agyapadeɛ no mu sɛ anuanom no mu baako.
 
Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ
nanso Awurade na ɔsɔ akoma hwɛ.
 
Omumuyɛfoɔ tie nsusuiɛ bɔne;
ɔtorofoɔ yɛ aso ma adwen bɔne tɛkrɛma.
 
Deɛ ɔdi ahiafoɔ ho fɛ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa;
na deɛ ɔfoa amanehunu soɔ no bɛnya asotwe.
 
Mmanananom yɛ mmasiriwa animuonyam,
na awofoɔ yɛ wɔn mma ahohoahoa.
 
Anokrokro nyɛ mma ɔkwasea,
saa ara na ano a ɛdi torɔ mfata ɔhene.
 
Kɛtɛasehyɛ daadaa deɛ ɔma;
ɔgye sɛ ɛbɛma no nkonim.
 
Deɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ so no ma ɔdɔ ɛkwan,
na deɛ ɔbɔ soɔ no tete nnamfonom ntam.
 
10 Nkaanim sɔ onipa a ɔwɔ nhunumu ani
sene mmaa ɔha a wɔbɔ ɔkwasea.
 
11 Onipa bɔnefoɔ ani wɔ atuateɛ nko ara so
na wɔbɛsoma odwumayɛfoɔ tirimuɔdenfoɔ akɔ ne so.
 
12 Ɛyɛ sɛ wobɛhyia sisire a wɔawia ne mma
sene ɔkwasea a ɔregyimie.
 
13 Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a,
bɔne rempa ne fie da.
 
14 Ntɔkwa ahyɛaseɛ te sɛ deɛ wɔretue suka;
enti gyae ma ɛnka na ankɔfa ɔham amma.
 
15 Sɛ wɔbɛgyaa deɛ ɔdi fɔ ne sɛ wɔbɛbu deɛ ɔdi bem kumfɔ no,
Awurade kyiri ne mmienu.
 
16 Sika a ɛwɔ ɔkwasea nsam ho nni mfasoɔ,
ɛfiri sɛ ɔnni botaeɛ biara sɛ ɔbɛhunu nyansa.
 
17 Adamfo kyerɛ ɔdɔ ɛberɛ nyinaa mu,
wɔwo onua barima ma ahokyere berɛ.
 
18 Obi a ɔnni adwene no na ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu
nam so de si awowa ma ne yɔnko.
 
19 Deɛ ɔpɛ ntɔkwa no dɔ bɔne;
deɛ ɔsi ɛpono tentene no frɛfrɛ ɔsɛeɛ.
 
20 Onipa a ɔwɔ akoma kontonkyi no nnya nkɔsoɔ;
deɛ ne tɛkrɛma daadaa no tɔ amaneɛ mu.
 
21 Deɛ ɔwo ɔba kwasea no di awerɛhoɔ;
ɔba kwasea agya nni anigyeɛ.
 
22 Akoma mu anigyeɛ yɛ aduro ɛsa yadeɛ,
nanso honhom a apɛkyɛ no wewe nnompe.
 
23 Omumuyɛfoɔ gye adanmudeɛ wɔ esum ase
de kyea atɛntenenee.
 
24 Onipa a ɔwɔ nhunumu no ani kɔ nyansa so,
na ɔkwasea toto nʼani kɔsi asase ano.
 
25 Ɔba kwasea hyɛ nʼagya awerɛhoɔ,
na ɔma deɛ ɔnyinsɛnee no no di yea.
 
26 Ɛnyɛ sɛ wɔtwe deɛ ɔdi bem aso,
anaasɛ wɔtwa adwumayɛfoɔ mmaa wɔ wɔn nokorɛdie enti.
 
27 Ɔnimdefoɔ dwene nʼanom kasa ho,
na deɛ ɔwɔ nhunumu no wɔ abodwoɔ.
 
28 Mpo sɛ ɔkwasea yɛ dinn a wɔbu no sɛ ɔnyansafoɔ,
na sɛ ɔmua nʼano a wɔbu no sɛ ɔwɔ nhunumu.