2
Nyansa Ho Mfasoɔ Wɔ Abrabɔ Mu
Me ba, sɛ wotie me nsɛm,
na woma me nkyerɛkyerɛ tena wo mu a,
sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa
na wode wʼakoma ma nteaseɛ,
na woma wo nne so frɛ nhunumu
na wosu frɛ nteaseɛ,
na sɛ wohwehwɛ no te sɛ deɛ wohwehwɛ dwetɛ
na wo hwehwɛ no sɛdeɛ worepɛ ademudeɛ a ahinta a,
ɛno na wobɛte Awurade suro ase
na woahunu Onyankopɔn ho nimdeɛ.
Awurade ma nimdeɛ,
na nʼanom na nyansa ne nteaseɛ firi ba.
Ɔkora nkonimdie ma wɔn a wɔteneɛ,
ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,
ɔwɛn deɛ ɔtene akwan,
na ɔbɔ wɔn a wɔdi no nokorɛ no akwan ho ban.
 
Ɛno na wobɛte deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛyɛ pɛ
ne deɛ ɛfata, ɛkwan biara a ɛyɛ ase.
10 Afei nyansa bɛwura wʼakoma mu,
na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra.
11 Adwene bɛbɔ wo ho ban
na nteaseɛ ahwɛ wo so.
 
12 Nyansa bɛyi wo afiri amumuyɛfoɔ akwan mu,
ɛbɛyi wo afiri nnipa a wɔn nsɛm yɛ basabasa nsam,
13 na wɔmane firi akwan pa so
kɔnante esum akwan so,
14 wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho,
na wɔdi ahurisie wɔ bɔne mu basabasayɛ ho,
15 wɔn a wɔn akwan yɛ kɔntɔnkye
na wɔyɛ abonsamfoɔ wɔ wɔn akwan mu.
 
16 Nimdeɛ bɛgye wo afiri ɔbaa waresɛefoɔ no nsam,
afiri ɔbaa warefoɔ sansani a ɔka nnaadaasɛm ho,
17 deɛ wagyaa ne mmabaawaberɛ mu kunu
na wapo apam a ɔyɛɛ wɔ Onyankopɔn anim no.
18 Ne fie yɛ ɛkwan a ɛkɔ owuo mu
na nʼakwan kɔ awufoɔ honhom nkyɛn.
19 Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsane mma
anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.
 
20 Enti wobɛdi nnipa pa anammɔn akyi
na woanante ateneneefoɔ akwan so.
21 Ɛfiri sɛ wɔn a wɔtene bɛtena asase no so,
na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ;
22 na wɔbɛtwa amumuyɛfoɔ afiri asase no so,
na wɔatɔre atorofoɔ ase.