Mmɛbusɛm
1
Botaeɛ Ne Nsɛmpɔ
Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmɛbusɛm nie:
Ne botaeɛ ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛsoɔ;
ne sɛ ɛbɛboa ma wɔate nsɛm a emu dɔ ase;
sɛ wɔbɛnya ahohyɛsoɔ na wɔabɔ ɔbra pa,
a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, deɛ ɛtene na ɛho nni asɛm;
sɛ ɛbɛma deɛ nʼadwene mu nnɔ anya nyansa
na mmabunu anya nimdeɛ ne adwene.
Anyansafoɔ ntie na wɔmfa nka deɛ wɔnim ho,
na deɛ ɔwɔ nhunumu nya akwankyerɛ a
ɛbɛma woate mmɛ ne akasabɛbuo,
anyansafoɔ nsɛnka ne aborɔme ase.
 
Awurade suro yɛ nimdeɛ ahyɛaseɛ,
na nkwaseafoɔ bu nyansa ne ahohyɛsoɔ animtiaa.
Nyansa Pɛ Ho Afutusɛm
Nnaadaa Ho Kɔkɔbɔ
Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ
na mpo wo maame nkyerɛkyerɛ.
Ɛbɛyɛ wo tiri animuonyam abotire
ne wo kɔn mu ntweaban.
 
10 Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ daadaa wo a,
mma wɔn ho ɛkwan.
11 Sɛ wɔka sɛ, “Bra ma yɛnkɔ;
ma yɛnkɔtetɛ na yɛnkum obi,
ma yɛnkɔtɛ ntwɛn mmɔborɔni bi;
12 ma yɛmmemmene wɔn anikann sɛ ɛda,
yɛmmene wɔn sɛ wɔn a wɔkɔ damena mu;
13 yɛbɛnya nneɛma a ɛsom bo ahodoɔ
na yɛde afodeɛ ahyɛ yɛn afie ma;
14 enti, fa wo ho bɛhyɛ mu,
na wobɛnya wo kyɛfa wɔ ahonyadeɛ no mu” a,
15 Me ba, wo ne wɔn nnante,
mfa wo nan nsi wɔn akwan so;
16 Wɔn nan de ntɛmpɛ kɔ bɔne mu,
na wɔde ahoɔherɛ ka mogya gu.
17 Ɛho nni mfasoɔ sɛ obi bɛsum nnomaafidie
wɔ ɛberɛ a nnomaa nyinaa hwɛ!
18 Saa nnipa yi tetɛ pɛ wɔn ankasa mogya;
wɔtetɛ wɔn ankasa wɔn ho!
19 Saa na wɔn a wɔdi korɔnodeɛ akyi no awieeɛ teɛ;
ɛma wɔhwere wɔn nkwa!
Nyansa A Wɔpo Ho Kɔkɔbɔ
20 Nyansa team wɔ mmɔntene so,
ɔma ne nne so wɔ adwaberem,
21 ɔteaam wɔ afasuo no atifi,
ɔkasa wɔ kuropɔn no apono ano sɛ,
 
22 “Mo adwenemherɛfoɔ, mobɛyɛ adwenemherɛ akɔsi da bɛn?
Fɛdifoɔ bɛdi fɛ akɔsi da bɛn?
Nkwaseafoɔ bɛkyiri nimdeɛ akɔsi da bɛn?
23 Sɛ motiee mʼaninka a,
anka mekaa mʼakoma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo
maa mo hunuu me nsusuiɛ.
24 Nanso, sɛ moyii mo aso ɛberɛ a mefrɛɛ mo
na amfa obiara ho ɛberɛ a metenee me nsa mu,
25 sɛ mopoo mʼafotuo,
na moampɛ mʼanimka enti,
26 me nso mɛsere mo wɔ mo amanehunu mu;
sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, medi mo ho fɛw,
27 sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum,
na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ twahoframa,
na awerɛhoɔ ne ɔhaw mene mo a,
 
28 “Afei mobɛfrɛ me, nanso meremmua mo;
mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me.
29 Esiane sɛ wɔkyirii nimdeɛ
na wɔampɛ sɛ wobɛsuro Awurade.
30 Esiane sɛ w ɔpoo mʼafotuo,
na wɔbuu me ntenesoɔ animtiaa enti,
31 wɔbɛdi wɔn akwan so aba
na wɔn nhyehyɛeɛ mu aduane bɛmee wɔn.
32 Na ntetekwaafoɔ asoɔden bɛkum wɔn,
na nkwaseafoɔ tirimudɛ bɛsɛe wɔn;
33 Nanso, obiara a ɔbɛtie me no, ɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu
na ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara.”