20
Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ na nsaden yɛ ntɔkwapɛfoɔ;
na obiara a nsã bɛma wafom ɛkwan no nnyɛ onyansafoɔ.
 
Ɔhene abufuhyeɛ te sɛ gyata mmobom;
na deɛ ɔhyɛ no abufuo no de nkwa twa so.
 
Ɛyɛ onipa animuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa,
nanso ogyimifoɔ biara pɛ ntɔkwa.
 
Onihafoɔ mfuntum nʼasase wɔ ne berɛ mu;
enti ɛduru twaberɛ a ɔnnya hwee.
 
Onipa akoma apɛdeɛ yɛ subunu mu,
nanso onipa a ɔwɔ nhunumu no twetwe.
 
Nnipa dodoɔ no ara ka sɛ wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da,
na hwan na ɔbɛtumi ahunu ɔnokwafoɔ?
 
Ɔteneneeni bu ɔbra kronkron;
nhyira ne ne mma a wɔba nʼakyi.
 
Sɛ ɔhene tena nʼahennwa so bu atɛn a,
ɔde nʼani huhu bɔne nyinaa so gu.
 
Hwan na ɔbɛtumi aka sɛ, “Mapra mʼakoma mu;
meyɛ kronn na menni bɔne”?
 
10 Nkariboɔ ne susudua a ɛnyɛ papa no
Awurade kyiri ne mmienu.
 
11 Mpo wɔnam abɔfra nneyɛɛ so hunu no,
sɛ ne suban yɛ kronn ne papa.
 
12 Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hunu adeɛ,
Awurade na wayɛ ne mmienu.
 
13 Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia;
ɛnna, na wobɛnya aduane ama abu so.
 
14 Ɔtɔfoɔ ka sɛ, “Ɛnyɛ, ɛnyɛ!”
nanso sɛ ɔkɔ a, ɔde deɛ watɔ no hoahoa ne ho.
 
15 Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhwenepa nso abu so,
na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ nna.
 
16 Fa obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu atadeɛ;
sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.
 
17 Aduane a wɔnya no ɛkwan bɔne so no yɛ onipa anomu dɛ,
nanso akyire no ɛdane mmosea wɔ nʼanom.
 
18 Pɛ afotuo yɛ wo nhyehyɛeɛ;
sɛ wotu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.
 
19 Osekuni da kokoamsɛm adi;
enti twe wo ho firi onipa a ɔkasa bebree ho.
 
20 Sɛ obi dome nʼagya anaasɛ ne maame a,
wɔbɛdum ne kanea wɔ esum kabii mu.
 
21 Agyapadeɛ a wɔpere ho nya no ahyɛaseɛ no
renyɛ nhyira akyire no.
 
22 Nka sɛ, “Mɛtua wo saa bɔne yi so ka!”
Twɛn Awurade, na ɔbɛgye wo.
 
23  Awurade kyiri nkariboɔ a ɛnyɛ papa,
na nsisie nsania nso nsɔ nʼani.
 
24  Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntuo.
Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?
 
25 Obi pɛ ntɛm hyɛ bɔ, ansa na wadwene ho a,
ɔsum ne ho afidie.
 
26 Ɔhene nyansafoɔ hunu amumuyɛfoɔ;
na ɔde ayuyamfidie hankra fa wɔn so.
 
27  Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu,
ɛhwehwɛ ne mu baabiara.
 
28 Ɔdɔ ne nokorɛdie bɔ ɔhene ho ban;
nʼadɔeɛ ma nʼahennwa tim.
 
29 Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden,
tidwono nso ne mmasiriwa animuonyam.
 
30 Ɔhweɛ ne apirakuro hohoro amumuyɛ
mmaaka te akoma mu.