21
Ɔhene akoma da Awurade nsam;
ɔkyerɛ no ɛkwan te sɛ asutene ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.
 
Onipa akwan nyinaa tene wɔ nʼani so,
nanso Awurade na ɔkari akoma.
 
Sɛ woyɛ adepa ne adeɛ a ɛtene a
ɛsɔ Awurade ani sene afɔrebɔ.
 
Ani a ɛtra ntɔn ne ahomasoɔ akoma,
ne amumuyɛfoɔ asetena nyinaa yɛ bɔne!
 
Nsiyɛfoɔ nhyehyɛeɛ de mfasoɔ ba
sɛdeɛ ntɛmpɛ kɔwie ohia no.
 
Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no
yɛ huhuro ne owuo afidie.
 
Amumuyɛfoɔ basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ,
ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ deɛ ɛtene.
 
Onipa a ɔdi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye,
na deɛ ne ho nni asɛm no adeyɛ tene.
 
Suhyɛ twɛtwɛwa ase baabi tena
yɛ sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.
 
10 Omumuyɛfoɔ kɔn dɔ bɔne;
ɔnni ahummɔborɔ mma ne yɔnko.
11 Sɛ wɔtwe fɛdifoɔ aso a, ntetekwaafoɔ hunu nyansa,
sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafoɔ a, ɔnya nimdeɛ.
 
12 Ɔteneneeni no nim deɛ ɛrekɔso wɔ omumuyɛfoɔ fie
na ɔde omumuyɛfoɔ no kɔ ɔsɛeɛ mu.
 
13 Sɛ onipa sisi nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a
ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so.
 
14 Kokoam adekyɛ dwodwo akoma,
kɛtɛasehyɛ nso pata abufuhyeɛ.
 
15 Sɛ wobu atɛntenenee a, teneneefoɔ anigye
nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefoɔ.
 
16 Onipa a ɔmane firi nhunumu kwan soɔ no
bɛhome wɔ awufoɔ fekuo mu.
 
17 Deɛ ɔdi ahosɛpɛ akyi no bɛyɛ ohiani;
deɛ ɔpɛ nsã ne ngo no rennya ne ho da.
 
18 Amumuyɛfoɔ de wɔn nkwa to hɔ ma teneneefoɔ,
na atorofoɔ yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.
 
19 Ɛyɛ sɛ wobɛtena ɛserɛ so,
sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ a nʼakoma ha no bɛtena.
 
20 Nnuane pa ne ngo ayɛ onyansafoɔ fie ma,
nanso ɔkwasea di deɛ ɔwɔ nyinaa.
 
21 Deɛ ɔti tenenee ne ɔdɔ no
ɔnya nkwa, yiedie ne animuonyam.
 
22 Onyansafoɔ to hyɛ ahoɔdenfoɔ kuropɔn so
na ɔdwiri abandenden a wɔn werɛ hyɛ mu gu fam.
 
23 Deɛ ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no
ɔtwe ne ho firi amanenya ho.
 
24 Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛdifoɔ”
ɔde ahantan ntrasoɔ yɛ adeɛ.
 
25 Deɛ ɔkwadwofoɔ kɔn dɔ no bɛyɛ owuo ama no,
ɛfiri sɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ.
 
26 Ɛda mu nyinaa ɔpere sɛ ɔbɛnya bebree,
nanso ɔteneneeni deɛ, ɔma a ɔnnodo ho.
 
27 Omumuyɛfoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ,
ne titire ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho.
 
28 Adansekurumdini bɛyera,
na obiara a ɔtie noɔ no nso wɔbɛsɛe no.
 
29 Amumuyɛfoɔ di akakabensɛm
na ɔteneneeni deɛ, ɔdwene nʼakwan ho.
 
30 Nyansa, nhunumu ne nhyehyɛeɛ biara nni hɔ a
ɛbɛtumi ayɛ yie atia Awurade.
 
31 Wɔsiesie apɔnkɔ ma ɔko da,
nanso nkonimdie yɛ Awurade dea.