26
Sɛdeɛ sukyerɛmma te ahuhuro berɛ anaasɛ osutɔ te wɔ otwa berɛ no
saa ara na animuonyam mfata ɔkwasea.
Sɛdeɛ apatuprɛ tuo anaasɛ asomfena tu danedane ne ho no,
saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee.
Ɔkafoɔ abaa wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afunumu,
na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafoɔ akyi.
Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuaeɛ,
anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno.
Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuaeɛ
anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ ɔnim nyansa.
Sɛ wode nkra bi soma ɔkwasea a,
ɛte sɛ woatwa wʼankasa nan anaasɛ woafrɛ basabasayɛ.
Apakye nan a awu na ɛsensɛn hɔ no,
yɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.
Ɛboɔ a wɔakyekyere afam ahwimmoɔ so,
te sɛ animuonyam a wɔde ama ɔkwasea.
Nkasɛɛ dua a ɛkura ɔkɔwensani no
te sɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.
10 Deɛ ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no
te sɛ agyantoni a ɔpira nnipa kwa.
11 Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no,
saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.
12 Woahunu obi a ɔyɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so?
Anidasoɔ pii wɔ ɔkwasea mu sene no.
 
13 Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata wɔ ɛkwan no mu,
gyata nenam mmɔntene no so!”
14 Sɛdeɛ ɛpono di akɔneaba wɔ ne mponterɛ so no,
saa ara na ɔkwadwofoɔ twa ne ho wɔ ne mpa so.
15 Ɔkwadwofoɔ de ne nsa si aduane mu,
na ɛyɛ no aniha sɛ ɔbɛyi akɔ nʼano.
16 Ɔkwadwofoɔ yɛ onyansafoɔ wɔ ɔno ankasa ani so
sene nnipa baason a wɔdwene asɛm ho na wɔabua.
 
17 Obi a ɔsɔ ɔkraman aso twe noɔ no
te sɛ obi a ɔretwam na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwa a ɛmfa ne ho mu.
 
18 Ɔbɔdamfoɔ a ɔtoto atuo
anaa agyan kɔdiawuo no
19 te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnko
na ɔka sɛ, “Na mede redi agorɔ!”
 
20 Yensin hi a, ogya dum;
nsekuro nni hɔ a ntɔkwa toɔ twa.
21 Sɛdeɛ gyabidie dane gyasramma na anyina dane ogya no,
saa ara na ntɔkwapɛfoɔ hyɛ ntɔkwa mu kutupa.
22 Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ;
ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa.
 
23 Sɛdeɛ wɔde dwetɛ fi adura asankago ho no
saa ara na anoɔdɛ kata amumuyɛ akoma so.
24 Onipa bɔne kasa te sɛ deɛ ɔyɛ,
nanso nnaadaa ahyɛ nʼakoma ma.
25 Ɛwom sɛ ne kasa yɛ dɛ deɛ, nanso ɛnnye no nni,
ɛfiri sɛ akyiwadeɛ nson ahyɛ nʼakoma ma.
26 Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so,
nanso nʼamumuyɛsɛm bɛda adi wɔ badwa mu.
27 Sɛ onipa tu amena a, ɔbɛto mu;
sɛ onipa pire ɔboɔ a, ɛbɛsane aba ne so.
28 Atorɔ tɛkrɛma kyiri wɔn a ɔgu wɔn ho fi,
na nnaadaa ano de ɔsɛeɛ ba.