27
Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,
na wonnim deɛ ɛda bi de bɛba.
 
Ma ɔfoforɔ nkamfo wo; na ɛnyɛ wʼankasa;
ma ɛmfiri ɔfoforɔ anomu na ɛnyɛ wo.
 
Ɛboɔ mu yɛ duru, na anwea yɛ adesoa,
nanso ɔkwasea abufuhyeɛ yɛ duru sene emu biara.
 
Abufuo tirim yɛ den, na abufuhyeɛ sɛe adeɛ,
na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe ano?
 
Animka a ɛda edwa
yɛ sene ɔdɔ a asuma.
 
Apirakuro a ɛfiri adamfo nkyɛn no yɛ
sene ɔtamfoɔ mfeano bebrebe.
 
Ɛwoɔ nyɛ deɛ wameeɛ akɔnnɔ,
nanso deɛ ɛkɔm de noɔ no, deɛ ɛyɛ nwono yɛ nʼanom dɛ.
 
Onipa a wayera ne fie ɛkwan,
te sɛ anomaa a wafiri ne pirebuo mu rekyinkyini.
 
Ngo ne aduhwam ma akoma ani gye,
adamfo ho anigyeɛ firi nʼafotu pa a ɔma.
 
10 Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,
nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ,
na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.
 
11 Me ba, hunu nyansa na ma mʼakoma ani nnye;
ɛno na ɛbɛma manya mmuaeɛ ama obiara a ɔbu me animtiaa.
 
12 Mmadwemma hunu asiane na wɔhinta,
nanso ntetekwaafoɔ kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.
 
13 Fa atadeɛ a ɛhyɛ obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu;
sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.
 
14 Sɛ obi team hyira ne yɔnko anɔpahema a,
wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.
 
15 Ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ
osutɔ da nsusosɔ a ɛnnyae da;
16 sɛ wopata no a, ɛte sɛ deɛ wopata mframa
anaa wode wo nsa bɛsɔ ngo mu.
 
17 Dadeɛ se dadeɛ,
saa ara na onipa se ɔfoforɔ.
 
18 Deɛ ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bɛdi ɛso aba,
na deɛ ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no animuonyam.
 
19 Sɛdeɛ nsuo yi animdua kyerɛ no,
saa ara na onipa akoma da onipa no adi.
 
20 Sɛdeɛ Owuo ne Ɔsɛeɛ bo ntɔ da no,
saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da.
 
21 Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ,
nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛso no hwɛ.
 
22 Sɛ wowɔ ɔkwasea wɔ ɔwaduro mu,
sɛ wode ɔwɔma wɔ no te sɛ deɛ wosi aburoo a,
worentumi nnyi agyimisɛm mfiri ne ho.
 
23 Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wobɛhunu wo nnwankuo tebea,
na ma wʼani nkɔ wʼanantwikuo so;
24 ɛfiri sɛ, ahonya ntena hɔ daa,
na ahenkyɛ ntena hɔ mma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.
25 Sɛ wotwa ɛserɛ no na foforɔ fifiri
na wɔboaboa nkokoɔ so ɛserɛ no ano a,
26 ɛnneɛ nnwammaa no bɛma wo ntoma,
na mpɔnkye ama sika a ɛtɔ mfuo.
27 Wobɛnya mmirekyie nufosuo bebree
ama wo ne wʼabusuafoɔ adi
ne aduane ama wo mmaawa.