28
Omumuyɛfoɔ dwane ɛberɛ a obiara ntaa no,
nanso teneneefoɔ koko yɛ duru sɛ agyata.
 
Atuateɛ ɔman nya sodifoɔ pii,
nanso onipa a ɔwɔ nhunumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma.
 
Sodifoɔ a ɔhyɛ ahiafoɔ so no
te sɛ brampɔnsuo a ɛsɛe mfudeɛ.
 
Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumuyɛfoɔ,
na wɔn a wɔdi mmara so no si wɔn kwan.
 
Abɔnefoɔ nte atɛntenenee ase,
nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te aseɛ yie.
 
Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm
yɛ sene ɔdefoɔ a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye.
 
Deɛ ɔdi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhunumu,
nanso deɛ ɔne adidibradafoɔ bɔ no gu nʼagya anim ase.
 
Deɛ ɔgye mfɛntom mmorosoɔ de nya ne ho no
ɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛyɛ ahiafoɔ adɔeɛ.
 
Sɛ obi nni mmara so a,
ne mpaeɛbɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.
 
10 Deɛ ɔdi teneneefoɔ anim de wɔn fa ɛkwan bɔne so no
bɛhwe ɔno ankasa afidie mu,
nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no bɛnya agyapadeɛ a ɛyɛ.
 
11 Ɔdefoɔ tumi yɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so,
nanso ohiani a ɔwɔ nhunumu no hunu sɛdeɛ ɔteɛ.
 
12 Sɛ teneneefoɔ di nkonim a, nnipa di ahurisie pii;
nanso sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a nnipa kɔhinta.
 
13 Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ,
na deɛ ɔka ne bɔne na ɔgyae yɛ no nya ahummɔborɔ.
 
14 Nhyira nka deɛ ɔsuro Awurade ɛberɛ nyinaa,
nanso deɛ ɔpirim nʼakoma no tɔ amaneɛ mu.
 
15 Omumuyɛfoɔ a ɔdi nnipa a wɔnni mmoa so no
te sɛ gyata a ɔbobɔm anaa sisire a nʼani abereɛ.
 
16 Sodifoɔ tirimuɔdenfoɔ nni adwene,
na deɛ ɔkyiri mfasoɔ a wɔnam ɛkwan bɔne so nya no bɛnya nkwa tenten.
 
17 Deɛ awudie ma ne tiboa bu no fɔ no,
ɔbɛyɛ ɔkobɔfoɔ akɔsi ne wu da;
mma obiara mmɔ ne ho ban.
 
18 Deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, wɔgye no firi ɔhaw mu,
nanso deɛ nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.
 
19 Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane pii,
nanso deɛ ɔdwene nneɛma hunu ho no bɛnya ne so ne ne hia.
 
20 Wɔbɛhyira onipa nokwafoɔ pii,
na deɛ ɔpere pɛ ahonyadeɛ no remfa ne ho nni.
 
21 Animhwɛ nyɛ,
nanso aduane kakra enti nnipa yɛ bɔne.
 
22 Deɛ ɔyɛ pɛpɛɛ pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefoɔ
na ɔnnim sɛ ohia retwɛn no.
 
23 Deɛ ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyire
asene deɛ ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.
 
24 Deɛ ɔbɔ nʼagya anaa ne maame korɔno
na ɔka sɛ, “Ɛnyɛ bɔne” no,
ɔne ɔsɛefoɔ na ɛbɔ.
 
25 Ɔdifodepɛfoɔ de mpaapaemu ba
na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no bɛnya nkɔsoɔ.
 
26 Deɛ ɔgye ne ho die no yɛ ɔkwasea,
na deɛ ɔnante nyansa mu no wɔbɛgye no.
 
27 Deɛ ɔma ahiafoɔ no, hwee renhia no,
nanso deɛ ɔbu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.
 
28 Sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a, nnipa kɔhinta;
na sɛ amumuyɛfoɔ ase tɔre a, teneneefoɔ ase dɔre.