Nnwom
NKYƐMU A ƐDI KAN
1
Nnwom 1–41
Nhyira ne onipa a
ɔntie amumuyɛfoɔ afotuo
na ɔnni nnebɔneyɛfoɔ nhwɛsoɔ akyi
na ɔntena fɛdifoɔ tenabea.
Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani,
na ɔdwene ho awia ne anadwo.
Ɔte sɛ dua a wɔatɛ wɔ asutene ho,
na ɛso nʼaba ne berɛ mu a
nʼahahan no nnwan.
Deɛ ɔyɛ biara yɛ yie.
Nanso nnebɔneyɛfoɔ nte saa;
wɔte sɛ ntɛtɛ a
mframa bɔ guo.
Enti amumuyɛfoɔ rentumi nnyina atemmuo no ano,
na nnebɔneyɛfoɔ nso rentena teneneefoɔ asafo mu.
 
Ɛfiri sɛ Awurade kyerɛ ɔteneneeni kwan
nanso amumuyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.