Dwom 2
Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu?
Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ yɛ nhyehyɛeɛ hunu yi?
Asase so ahemfo sɔre gyina
na atumfoɔ bom tu agyina
tia Awurade ne Deɛ Wɔasra no no.
Wɔka sɛ,
“Momma yɛmmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn
na yɛnto wɔn mpokyerɛ ngu.”
 
Deɛ ɔte adwa so wɔ soro no sere;
Awurade di wɔn ho fɛw.
Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuo mu
hunahuna wɔn wɔ nʼabufuhyeɛ mu, ka sɛ,
“Masi me Ɔhene
wɔ Sion, me bepɔ kronkron no so.”
Mɛpae mu aka Awurade ahyɛdeɛ:
Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me Babarima;
ɛnnɛ mayɛ wʼAgya.
Bisa me,
na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapadeɛ,
asase ano nyinaa bɛyɛ wo dea.
Wode dadeɛ ahempoma bɛdi wɔn so;
na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.”
 
10 Enti mo ahemfo, monsua nyansa;
monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifoɔ.
11 Momfa suro nsom Awurade
na monsɛpɛ mo ho ahopopoɔ mu.
12 Momfe Ɔba no ano, na ne bo amfu
ansɛe mo wɔ mo akwan so,
ɛfiri sɛ nʼabufuhyeɛ tumi sɔre ntɛm so.
Nhyira ne wɔn a wɔdwane toa no nyinaa.