Dwom 10
Adɛn enti, Ao Awurade, na wogyina akyirikyiri saa?
Adɛn enti na wode wo ho ahinta wɔ amanehunu mmerɛ mu yi?
 
Ɔmumuyɛfoɔ de ahantan taataa mmɔborɔfoɔ,
wɔn a mfidie a wɔasunsum yi wɔn.
Ɔde deɛ nʼakoma hwehwɛ hoahoa ne ho;
ɔhyira ɔdifodepɛfoɔ, na ɔyi Awurade ahi.
Ahantan enti, omumuyɛfoɔ nhwehwɛ Awurade;
na Onyankopɔn nni ne nsusuiɛ nyinaa mu.
Nʼakwan nyinaa mu, ɔdi yie;
ɔma ne ho so, na wo mmara mfa ne ho;
na ɔdi nʼatamfoɔ nyinaa ho fɛw.
Ɔka kyerɛ ne ho sɛ: “Biribiara mma me nhinhim;
mʼani bɛgye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.”
Nnome, atorɔ ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma;
Ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkrɛma ase.
Ɔtɛ wɔ nkuraase;
ɔfiri atɛeɛ kum deɛ ɔnnim hwee,
na ɔhwɛ wɔn a ɔrepɛ wɔn akum wɔn.
Ɔte sɛ gyata a wahinta;
ɔtɛ sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni;
ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bɔn mu.
10 Ɔdwerɛ wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ baha;
na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ.
11 Ɔka kyerɛ ne ho sɛ, “Onyankopɔn werɛ afi;
wayi nʼani afiri so na ɔnhunu.”
 
12 Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Ao Onyankopɔn.
Mma wo werɛ mfiri wɔn a wɔnni aboafoɔ.
13 Adɛn enti na omumuyɛfoɔ yi Onyankopɔn ahi?
Adɛn enti na ɔka kyerɛ ne ho sɛ,
“Ɔremfrɛ me akontabuo so?”
14 Nanso wo, Ao Onyankopɔn, wohunu amanehunu ne ɔhaw;
na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ.
Mmɔborɔni de ne ho ma wo;
wo na woyɛ awisiaa ɔboafoɔ.
15 Bubu omumuyɛfoɔ ne ɔbɔnefoɔ aprɛ;
frɛ no na ɔmmɛbu nʼamumuyɛ ho nkontaa,
amumuyɛ a anka wɔrenhunu no.
 
16  Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa;
amanaman no bɛyera nʼasase so.
17 Ao Awurade, wotie awiɛmfoɔ adesrɛ;
wohyɛ wɔn nkuran, na wotie wɔn sufrɛ,
18 na wodi ma awisiaa ne deɛ wɔhyɛ ne soɔ
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔdasani a ɔfiri asase so
renhunahuna obiara bio.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.