Dwom 9
Dawid dwom.
Ao Awurade, mefiri mʼakoma nyinaa mu mekamfo wo.
Mɛka wʼanwanwadeɛ no nyinaa.
Mɛma mʼani agye na madi ahurisie wɔ wo mu.
Mɛto ayɛyie dwom ama wo din, Ao Ɔsorosoroni.
 
Mʼatamfoɔ sane wɔn akyi;
wɔtete hwe, na wɔwuwu wɔ wʼanim.
Woadi mʼasɛm ama me, na mɛnya mʼahofadie;
woatena wʼahennwa so, abu atɛntenenee.
Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumuyɛfoɔ.
Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio.
Ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ ato ɔtamfoɔ no,
woatutu wɔn nkuropɔn;
na wɔnnkae wɔn bio mpo.
 
Awurade di ɔhene daa daa;
wasi nʼatemmuo ahennwa.
Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn;
ɔde atɛntenenee bɛdi nnipa no so.
Awurade yɛ dwanekɔbea ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so,
ɔyɛ abandenden wɔ ahohia mmrɛ mu.
10 Wɔn a wɔnim wo din no de wɔn ho bɛto wo so,
ɛfiri sɛ, wo Awurade, wonnyaa obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da.
 
11 Monto ayɛyie dwom mma Awurade a ɔte ahennwa so wɔ Sion;
mompae mu nka deɛ wayɛ wɔ amanaman no mu.
12 Na ɔkae deɛ ɔtɔ mogya so were no;
ɔmmu nʼani ngu ɔbrɛfoɔ sufrɛ so.
13 Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ teetee me!
Hu me mmɔbɔ na yi me firi owuo apono ano,
14 na matumi apae mu aka wʼayɛyie
wɔ Ɔbabaa Sion apono ano
na ɛhɔ, madi ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ no mu.
 
15 Aman amanmufoɔ atɔ amena a wɔatu no mu;
afidie a wɔsum hintaaeɛ no ayi wɔn nan.
16  Awurade atɛntenenee da no adi;
amumuyɛfoɔ nsa ano adwuma ayi wɔn.
17 Amumuyɛfoɔ sane kɔ damena mu,
amanaman a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa.
18 Nanso ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani,
anaa sɛ mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera korakora.
 
19 Sɔre! Ao Awurade, mma ɔdasani nni nkonim,
bu amanaman no atɛn wɔ wʼanim.
20 Hunahuna wɔn, Ao Awurade;
na ma wɔnhunu sɛ, wɔyɛ adasamma.