Dwom 100
Ayɛyie Dwom.
Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa
Momfa ahosɛpɛ nsom Awurade;
momfa anigyeɛ nnwom mmra nʼanim.
Monhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn;
ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea;
yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan.
 
Momfa aseda nhyɛne nʼapono mu
na momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ;
momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.
Awurade yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa;
ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.