Dwom 99
Awurade di ɔhene,
momma amanaman no ho mpopo;
ɔte nʼahennwa so wɔ Kerubim ntam,
ma asase nwoso.
Awurade a ɔwɔ Sion yɛ kɛseɛ;
wɔama ne so wɔ amanaman nyinaa mu.
Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwanwa no.
Ɔyɛ kronkron.
 
Ɔhene no yɛ kɛseɛ, ɔdɔ atɛntenenee,
woama pɛpɛyɛ atim;
wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene
wɔ Yakob mu.
Momma Awurade, yɛn Onyankopɔn so
na monsɔre no wɔ ne nan ntiasoɔ anim;
ɔyɛ kronkron.
 
Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfoɔ no ho,
na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho;
wɔfrɛɛ Awurade,
na ɔgyee wɔn so.
Ɔfiri omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn;
wɔdii mmara ne ahyɛdeɛ a ɔmaa wɔn no so.
 
Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn,
wogyee wɔn so;
woyɛɛ bɔnefakyɛ Onyankopɔn maa Israel,
nanso wɔtwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho.
Momma Awurade yɛn Onyankopɔn so
na monsɔre no wɔ ne bepɔ kronkron no so,
na Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ kronkron.